6
Nnamfonom:
Ɛhe na wo dɔfo no kɔ
mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?
Ɛhe na wo dɔfo man fae,
na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?
Ababaa:
Me dɔfo kɔ ne turo mu,
faako a woduadua nnua ahorow,
okokyinkyin turo no mu
akɔboaboa sukooko ano.
Me dɔfo yɛ me de, na me nso meyɛ ne de;
okyinkyin sukooko no mu.
Aberante:
Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,*
wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,
wusi pi te sɛ asraafo a wɔretu frankaa.
Nhwɛ me saa;
wobunkam me so.
Wo ti nwi te sɛ mpapokuw a
wɔresian afi Gilead.
Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo,
a wofi aguaree.
Baako mpo nyeraa ɛ.
Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu
te sɛ ntunkum aduaba fa.
Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia,
mpenanom bɛyɛ aduɔwɔtwe,
ne mmabaa dodow a wontumi nkan wɔn;
nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm yɛ sononko;
ɔno nko ara ne ne na babea,
ɔno na nea ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.
Mmabaa huu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;
ahemmea ne mpenanom kamfoo no.
Nnamfonom:
10 Hena na wapue sɛ ahemadakye yi,
ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ ɔsram, na ɔhyerɛn sɛ owia,
nʼanuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.
Aberante:
11 Misian kɔɔ nnuaba pɔw mu hɔ
sɛ merekɔhwehwɛ afifide foforo a ɛwɔ obon no mu,
sɛ bobe no agu nhwiren,
anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.
12 Mʼani baa me ho so no
na mʼadwene de me abesi me nkurɔfo adehye nteaseɛnam so.
Nnamfonom:
13 San wʼakyi, san wʼakyi, Sulamit babea;
San bra, san bra ma yɛnhwɛ wo!
Aberante:
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abeawa
sɛnea mohwɛ Mahanaim asaw no?
* 6:4 Tirsa yɛ Kanaan tete kurow bi a Yeroboam de yɛɛ nʼahenkurow wɔ afe 930 AWK (ansa na wɔrewo Kristo) kosi afe 909 AWK wɔ atifi fam ahemman mu.