7
Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ,
Ɔdehye babea!
Wʼanantu a wugyina so te sɛ abohemaa,
odwumfo nsa ano adwuma.
Wo funuma yɛ kuruwa a enni nsa
a nsa pa wɔ mu bere biara.
Wo sisi yɛ atoko a wɔaboa ano
na sukooko atwa ho ahyia.
Wo nufu te sɛ atwemma abien,
atwemma nta.
Wo kɔn te sɛ asonse abantenten.
Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntade
a ɛwɔ Bat Rabim pon nkyɛn.
Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten
a ɛkyerɛ Damasko no.
Wo ti si so sɛ Karmel Bepɔw.
Wo tinwi te sɛ adehyetam a wɔadi mu adwinni;
wo tinwi atenten no kyere ɔhene dommum.
Wo ho yɛ fɛ, ɔdɔ,
wo ho yɛ anigye na ɛma ahomeka ara!
Wo sibea te sɛ abɛ dua,
na wo nufu te sɛ aduaba kasiaw.
Mekae se, “Mɛforo abɛ dua no;
na maso nʼaba mu.”
Wo nufu nyɛ sɛ bobe kasiaw,
na wo home mu hua nyɛ sɛ aprɛ.
Na wʼanom hua nyɛ sɛ bobesa papa.
Ababaa:
Ma bobesa no nkɔ me dɔfo hɔ tee,
ɛnsen mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.
10 Meyɛ me dɔfo de,
na nʼapɛde ne me.
11 Bra, me dɔfo; ma yɛnkɔ akuraa,
ma yɛnkɔda akuraa anadwo baako.
12 Ma yɛnkɔ bobeturo mu ntɛm
nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhwiren,
sɛ nhwiren no apaapae,
anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.
Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.
13 Adesaa yi ne hua,
na akɔnnɔduan nyinaa begu yɛn pon ano,
foforo ne dedaw,
a mede asie ama wo, me dɔfo.