5
Aberante:
Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo;
maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano.
Madi me wokyɛm ne ɛwo;
manom me bobesa ne me nufusu.
Nnamfonom:
Nnamfonom, munnidi na monnom;
Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ.
Ababaa:
Medae, nanso me koma anna.
Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu;
“Bue me, me nuabea, me dɔ,
mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.
Obosu afɔw me tirim,
anadwo mu bosu afɔw me nwi.”
Maworɔw mʼatade,
mensan mfa nhyɛ ana?
Mahohoro mʼanan ase,
memma ho nyɛ fi bio ana?
Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon no
me koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu.
Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo,
na me nsa ho kurobow
ne me nsateaa ho aduhuam,
yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho.
Mibue maa me dɔfo no,
nanso na ɔkɔ.
Ne kɔ no maa me ho dwiriw me.
Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara.
Mefrɛɛ no nanso wannye me so.
Awɛmfo no huu me
bere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu.
Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;
woyii mʼatade kɔe;
saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no!
Yerusalem mmabea, mehyɛ mo,
sɛ muhu me dɔfo no a,
asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?
Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw.
Nnamfonom:
Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo,
mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ?
Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a
enti wohyɛ yɛn sɛɛ?
Ababaa:
10 Me dɔfo ho twa na ogyigye,
wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko.
11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa;
ne ti so nwi yɛ kuhaa,
na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.
12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a
ogyina asuwa bi ho;
ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no,
na etuatua hɔ sɛ abohemaa.
13 Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ.
Ɛho hua te sɛ aduhuam.
Nʼanofafa te sɛ sukooko
a ɛsosɔ kurobow.
14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa
a wɔde sikabereɛbo asisi mu.
Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw ho
na wɔde hoabo adura ho.
15 Nʼanan te sɛ abohemaa afadum a
esisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so.
Ne bɔbea te sɛ Lebanon a
ɔyɛ sononko sɛ ne sida.
16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;
ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.
Me dɔfo ni, mʼadamfo ni,
Yerusalem mmabea.