4
Aberante:
Wo ho yɛ fɛ, me dɔfo!
Ao, wo ho yɛ fɛ!
Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkataanim mu no te sɛ aborɔnoma.
Wo nwi te sɛ mpapokuw a
wɔresian Gilead Bepɔw.
Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo,
a wofi aguaree.
Baako mpo nyeraa ɛ.
Wʼanofafa te sɛ koogyan hama;
wʼano yɛ fɛ.
Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu
te sɛ ntunkum aduaba fa.
Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten,
a wɔasi no fɛɛfɛ;
na akokyɛm apem sensɛn ho,
a ne nyinaa yɛ akofo kyɛm.
Wo nufu te sɛ atwemma abien,
atwemma nta a
wodidi wɔ sukooko mu.
Enkosi sɛ ade bɛkye,
ama honhom aguan no,
mɛkɔ kurobow bepɔw
ne aduhuam nkoko no so.
Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ papa;
wo ho nni dɛm biara.
 
Ma yemfi Lebanon, mʼayeforo,
wo ne me mfi Lebanon nkɔ.
Sian fi Amana atifi bra,
fi Senir atifi, Hermon apampam hɔ,
fi gyata buw mu
ne mmepɔw a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.
Woagye me koma abɔ so, me nuabea, mʼayeforo;
woagye me koma abɔ so;
wode wʼani a ɛbɔɔ me so,
ne wo kɔnmuade mu ɔbohemaa baako.
10 Wo dɔ yɛ anigye, me nuabea, mʼayeforo!
Hwɛ, wo dɔ sɔ ani sen bobesa,
na wʼaduhuam yɛ huam sen pɛprɛ biara.
11 Asɛm dɛdɛ fi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforo;
nufusu ne ɛwo wɔ wo tɛkrɛma ase.
Wo ntade mu hua te sɛ Lebanon de.
12 Wote sɛ turo a wɔato ano pon mu, me nuabea, mʼayeforo;
woyɛ asuti a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔw ano.
13 Wo nnua yɛ nnuabafuw so ntunkum
a ɛsow aba pa,
ahuahaa ne nnuannua,
14 nnuannua ne mmetire,
osiko ne sinamon,
a ohuamfufu nnua ahorow,
kurobow ne dupapo
ne pɛprɛ papa ahorow nyinaa ka ho.
15 Woyɛ asubura turo,
abura a nsu sen fi mu
a ɛsen fi Lebanon.
Ababaa:
16 Sɔre, atifi fam mframa!
Bra, anafo fam mframa!*
Bɔ fa me turo mu,
sɛnea ɛbɛyɛ a ne hua no begyigye afa baabiara.
Ma me dɔfo mmra ne turo mu
na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.
* 4:16 Mframa a ɛbɔ fi atifi fam no mu dwo enti ɛma nnuaba yɛ foforo daa. Mframa a ɛbɔ fi anafo fam no mu yɛ hyew na ɛma nnuaba no bere. Ne abien ka bɔ mu a, ɛma mframa a ɛyɛ huam fa turo no mu.