3
Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa so
mehwehwɛɛ nea me koma da no so;
mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
Mɛsɔre afei na makokyinkyin kuropɔn no mu,
ne mmɔnten so ne gua so;
na mahwehwɛ nea me koma da no so.
Enti mehwehwɛɛ no nanso manhu no.
Awɛmfo no huu me
bere a wɔrebɔ aprɔw wɔ kuropɔn no mu.
“Moahu nea me koma da no so no ana?”
Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ
na mihuu nea me koma da no so no.
Misoo ne nsa sɛ meremma no nkɔ
kosii sɛ mede no baa me na fi,
de no kɔɔ nea onyinsɛnee me no dan mu.
Yerusalem mmabea, mede atwewa
ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ
Monnkanyan na munnyan ɔdɔ
kosi bere a ɛsɛ mu.
 
Hena na ofi sare so reba
te sɛ wusiw kumɔnn a
efi kurobow, aduhuam
ne aguadifo pɛprɛ ahorow mu, atutu ne ho yi?
Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a
akofo aduosia bɔ no kyidɔm;
ade a ɛwɔ anuonyam pa ara wɔ Israel,
Wɔn nyinaa bobɔ afoa,
wɔn nyinaa wɔ akodi ho nyansa.
Wɔn afoa bobɔ wɔn nkyɛn mu,
na obiara asiesie ne ho ama nea ebesi anadwo a ɛyɛ hu biara.
Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;
ɔde Lebanon nnua na ɛyɛe.
10 Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum,
ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinaso.
Wɔde biridum ntama na eduraa mu nkongua ho;
mu asiesie yɛ ahomeka
na Yerusalem mmabea na wɔyɛe. 11 Mumfi adi, mo Sion mmabea,
mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛw
nea ne na de hyɛɛ no nʼayeforohyia da no,
da a odii ahurusi wɔ ne koma mu no.