2
Ababaa:
Meyɛ Saron nhwiren*
ne abon mu sukooko.
Aberante:
Sɛnea sukooko a ɛwɔ nsɔe mu te no,
saa ara na me dɔfo te wɔ mmabaa mu.
Ababaa:
Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no,
saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu.
Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomeka
na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
Ɔde me akɔ aponto ase,
na mʼagyiraehyɛde yɛ ɔdɔ.
Momma me bobe aba na minya ahoɔden,
momma me aprɛ na ennwudwo me,
efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw.
Ne nsa benkum da mʼatiko,
na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
Yerusalem mmabea, mede atwewa
ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ:
Monnkanyan na munnyan ɔdɔ
kosi bere a ɛsɛ mu.
 
Tie! me dɔfo!
Hwɛ! ɔno na ɔreba no,
ɔrehuruhuruw wɔ mmepɔw no so
na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkoko no so.
Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforote.
Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi,
ɔhwɛ mfɛnsere no mu,
wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu.
10 Me dɔfo kasa kyerɛɛ me se,
“Sɔre, me dɔfo ne mʼahoɔfɛ
na bra me nkyɛn.
11 Hwɛ! awɔwbere atwa mu;
na asusow atwa mu kɔ.
12 Nhwiren afifi asase ani:
nnwonto bere aso.
Wɔte mmorɔnoma su
wɔ yɛn asase so.
13 Borɔdɔma agu nhwiren;
na bobe hua agye baabiara.
Sɔre bra, me dɔfo;
mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.”
Aberante:
14 Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu,
ahintaw wɔ mmepɔw so,
ma minhu wʼanim;
ma mente wo nne;
wo nne yɛ dɛ,
na wʼanim yɛ fɛ.
15 Monkyekyere sakraman no mma yɛn,
sakraman nketewa no
a wɔsɛe bobe nturo,
yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no.
Ababaa:
16 Me dɔfo yɛ me dea, na mewɔ no;
ɔhwehwɛ sukooko no mu.
17 Enkosi sɛ ade bɛkyɛ
na sunsuma bɛsen akɔ no,
dan wo ho, me dɔfo,
na yɛ sɛ ɔtwewa
anaa ɔforote a
ɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so.
 
* 2:1 Yehu Saron nhwiren wɔ Karmel mpoano anafo fam.