6
Asɔfo Awo Ntoatoaso
Na Lewi mmabarima yɛ:
Gerson, Kohat ne Merari.
Na Kohat asefo nso yɛ:
Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
Na Amram mma yɛ:
Aaron, Mose ne Miriam.
Na Aaron mmabarima yɛ:
Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
Eleasar woo Pinehas.
Pinehas woo Abisua.
Abisua woo Buki,
na Buki woo Usi.
Usi woo Serahia. Serahia woo Meraiot.
Meraiot woo Amaria,
na Amaria woo Ahitub.
Ahitub woo Sadok,
na Sadok woo Ahimaas.
Ahimaas woo Asaria.
Asaria woo Yohanan.
10 Yohanan woo Asaria a
ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.
11 Asaria woo Amaria.
Amaria woo Ahitub.
12 Ahitub woo Sadok.
Sadok woo Salum.
13 Salum woo Hilkia.
Hilkia woo Asaria.
14 Asaria woo Seraia.
Seraia woo Yehosadak.
15 Wotwaa Yehosadak asu bere a Awurade de Yudafo ne Yerusalemfo kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.
Lewifo Mmusua
16 Na Lewi mmabarima din de
Gersom, Kohat ne Merari.
17 Na Libni ne Simei ka Gersom asefo ho.
18 Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel
ka Kohat asefo no ho.
19 Na Mahli ne Musi
ka Merari asefo no ho.
 
Eyinom ne Lewifo mmusua sɛnea wɔn mpanyimfo nnidiso te.
20 Na Gerson asefo yɛ:
Libni, Yahat,
Sima, 21 Yoa,
Ido, Serah
ne Yeaterai.
22 Na Kohat asefo ne
Aminadab, Kora,
Asir, 23 Elkana,
Ebiasaf, Asir,
24 Tahat, Uriel,
Usia ne Saulo.
25 Na Elkana asefo ne:
Amasai, Ahimot,
26 Sofai, Nahat,
27 Eliab,
Yeroham, Elkana ne Samuel.
28 Na Samuel mmabarima din ne:
Yoel a ɔyɛ ɔpanyin
ne Abiya a ɔto so abien no.
29 Na Merari mma ne:
Mahli, Libni,
Simei, Usa,
30 Simea, Hagia
ne Asaia.
Asɔredan Mu Nnwom Ho Nimdefo
31 Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi so yi dii Awurade fi nnwom anim, bere a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no. 32 Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kosii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.
 
33 Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma som wɔ hɔ no.
 
Heman, dwom ho nimdefo no, na ofi Kohat abusua mu.
Wɔto nʼabusua ana fi
Yoel, Samuel,
34 Elkana, Yeroham,
Eliel, Yoa,
35 Suf, Elkana,
Mahat, Amasai
36 Elkana, Yoel,
Asaria, Sefania,
37 Tahat, Asir,
Ebiasaf, Kora,
38 Ishar, Kohat,
Lewi ne Israel ase.
39 Herman abediakyiri a odi kan no din de Asaf, a na ofi Gerson abusua mu.
Wɔto Asaf abusua ana fi Berekia, Simea,
40 Mikael, Baaseia,
Malkia, 41 Etni,
Serah, Adaia,
42 Etan, Sima,
Simei, 43 Yahat, Gersom ne Lewi ase.
44 Herman abediakyiri a ɔto so abien no din de Etan, a na ofi Merari abusua mu.
Wɔto Etan abusua ana fi Kisi, Abdi,
Maluk, 45 Hasabia,
Amasia, Hilkia,
46 Amsi, Bani, Semer, 47 Mahli,
Musi, Merari ne Lewi ase.
Aaron Asefo
48 Wɔmaa wɔn abusuafo a wɔyɛ Lewifo no nso dwuma ahorow bi dii wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛyɛ Onyankopɔn fi no mu. 49 Aaron ne nʼasefo nko na wɔsom sɛ asɔfo. Na wɔde afɔrebɔde gu ɔhyew afɔremuka ne ohuam afɔremuka so, na wodi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn somfo Mose de maa wɔn no so, yɛɛ mpata maa Israel.
 
50 Na Aaron asefo yɛ:
Eleasar, Pinehas, Abisua, 51 Buki, Usi, Serahia,
52 Meraiot, Amaria, Ahitub, 53 Sadok ne Ahimaas.
 
54 Eyi ne abakɔsɛm a ɛfa nkurow ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefo a wofi Kohat abusua mu no.
55 Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho. 56 Nanso mfuw ne nkuraa a atwa ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. 57 Enti saa nkurow yi a mmoa adidibea atwa biara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefo: Hebron, a ɛyɛ guankɔbea kurow, Libna, Yatir, Estemoa, 58 Hilen, Debir, 59 Asan, Yuta ne Bet-Semes. 60 Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot fii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho.
Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefo.
 
61 Na Kohat asefo a wɔkae no nso, wonyaa nkurow du a wɔnam ntontobɔ kronkron so fii Manase abusua fa no asase so.
62 Gerson asefo nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wonyaa bi nso fii Basan pɔw mu a ɛyɛ Manase de, a ɛwɔ Yordan apuei fam no.
63 Merari asefo nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so.
 
64 Enti Israelfo de saa nkurow yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifo.
 
65 Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkurow a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so mae sɛnea wɔaka dedaw no.
 
66 Saa nkurow yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefo nya fii Efraim asase so:
67 Sekem (guankɔbea kurow) a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so, Geser, 68 Yokmeam, Bet-Horon, 69 Ayalon ne Gat-Rimon.
70 Kohat asefo nkae no, wɔde saa nkurow a efi Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.
 
71 Gerson asefo nyaa kurow a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no fii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.
72 Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat, 73 Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho.
74 Aser asase so, wonyaa Masal, Abdon, 75 Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho.
76 Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho.
 
77 Merari asefo nkae no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkurow, fi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka biara ho.
78 Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wonyaa Beser a ɛyɛ nweatam kurow, Yahas, 79 Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho.
80 Na Gad asase so nso, wonyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim, 81 Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka biara ho.