7
Isakar Asefo
Na Isakar mmabarima baanan no din de
Tola, Pua, Yasub ne Simron.
Tola mmabarima no ne:
Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofo. Ɔhene Dawid bere so no, na mmarima dodow a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahansia (22,600).
Na Usi babarima din de:
Yisrahia.
Na Yisrahia mmabarima din de:
Mikael, Obadia, Yoel ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano. Mmarima dodow a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduasa asia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmabarima yɛ bebree.
Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wofi Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduɔwɔtwe ason (87,000). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din nnidiso nnidiso guu wɔn anato krataa mu.
Benyamin Asefo
Na Benyamin mmabarima baasa no din de:
Bela. Beker ne Yediael.
Na Bela mmabarima yɛ:
Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofo baanum yi yɛ mmusua ntuanofo. Nnipa a wofi wɔn asefo mu yɛɛ asraafo no dodow yɛ mpem aduonu abien ne aduasa anan (22,034). Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din guu wɔn anato krataa mu.
Na Beker mmabarima din de:
Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet. Sɛnea na wɔn anato kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofo akyi no, wɔn asefo mpem aduonu ne ahannu (20,200) wɔ hɔ a wotumi yɛ asraafo.
10 Na Yediael babarima ne:
Bilhan.
Na Bilhan mmabarima ne:
Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar. 11 Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofo a wɔn asefo a na wɔka wɔn ho a wotumi yɛ asraafo no dodow yɛ mpem dunson ne ahannu (17,200).
12 Na Ir mmabarima ne Supim, ne Hupim. Aher na ɔwoo Husim.
Naftali Asefo
13 Na Naftali mmabarima yɛ:
Yahsiel, Guni, Yeser ne Silum. Na wɔn nyinaa yɛ Yakob yere Bilha asefo.
Manase Asefo
14 Manase mmabarima a ɔne ne mpena Aramni wowoo wɔn ne Asriel ne Makir. Makir na ɔwoo Gilead. 15 Makir pɛɛ ɔyerenom maa Hupim ne Supim. Na wɔfrɛ Makir nuabea se Maaka. Na Makir asefo no mu baako a wɔfrɛ no Selofehad wowoo mmabea nko ara. 16 Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres. Na ne nuabarima din de Seres. Peres mmabarima din de Ulam ne Rekem.
17 Na Ulam babarima din de:
Bedan.
Na wɔn nyinaa yɛ Gileadfo a wɔyɛ Manase babarima Makir asefo.
18 Makir nuabea Moleket woo Is-Hod, Abieser ne Mahla.
19 Na Semida mmabarima yɛ:
Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.
Efraim Asefo
20 Efraim asefo ne:
Sutela, Bered, Tahat, Elada,
Tahat, 21 Sabad ne Sutela.
Wokunkum Efraim mmabarima Eser ne Elad wɔ Gat, efisɛ wɔpɛe sɛ wowia nyɛmmoa fi akuafo a wɔbɛn hɔ no. 22 Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛe yiye, na nʼabusuafo bɛkyekyee ne werɛ. 23 Ɛno akyi no, Efraim kɔɔ ne yere ho, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Efraim too no din Beria esiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafo faa mu no nti. 24 Efraim woo ɔbabea too no din Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkurow Bet-Horon Anafo, Atifi ne Usen-Seera.
25 Efraim asefo nnidiso ne Refa, Resef, Tela, Tahan,
26 Ladan, Amihud, Elisama, 27 Nun ne Yosua.
28 Efraim asefo no tenaa asase Bet-El ne ne nkurow a atwa afa anafo fam, Naaran a ɛda apuei fam, Geser ne ne nkuraa a ɛda atɔe fam ne Sekem ne ne nkuraa a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kosi Aya a nkuraa ka ho no so. 29 Manase hye so no, na nkurow a ɛdeda hɔ yɛ Bet-Sean, Taanak, Megido, Dor ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia no. Israel ba Yosef asefo tenaa saa nkurow yi so.
Aser Asefo
30 Na Aser mmabarima yɛ:
Yimna, Yiswa, Yiswi ne Beria. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sera.
31 Na Beria mmabarima din de:
Heber ne Malkiel a ɔwoo Birsait no.
32 Na Heber mmabarima din de Yaflet, Somer ne Hotam. Na wɔwɔ onuabea a ne din de Sua.
33 Na Yaflet mmabarima din de:
Pasak, Bimhal ne Aswat.
34 Na Semer mmabarima din de:
Ahi, Rohga, Hubah ne Aram.
35 Na ne nuabarima Helem mmabarima din de:
Sofa, Yimna, Seles ne Amal.
36 Na Sofa mmabarima din de:
Suah, Harnefer, Sual, Beri, Yimra, 37 Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.
38 Na Yeter mmabarima din de:
Yefune, Pispa ne Ara.
39 Na Ula mmabarima din de:
Arah, Haniel ne Risia.
40 Na Aser asefo no mu biara yɛ wɔn agyanom abusua panyin. Na wɔn nyinaa yɛ akofo pa ne ntuanofo a wodi mu. Na mmarima mpem aduonu asia (26,000) na wɔwɔ hɔ a wɔakyerɛw wɔn din agu wɔn anato nhoma mu a wotumi yɛ asraafo.