5
Ruben Asefo
Na Israel babarima panyin ne Ruben. Nanso esiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenanom no mu baako kɔdae no nti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmabarima. Esiane saa asɛm yi nti, wɔamfa Ruben din anka anato no ho sɛ abakan. Yuda asefo na wɔyɛɛ abusuakuw a wɔwɔ tumi pa ara; ne saa nti woyii ɔman no sodifo fii wɔn mu, nanso mpanyinni no de, na ɛyɛ Yosef dea. Israel abakan Ruben no mmabarima ne:
 
Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
Yoel asefo ne
Semaia, Gog, Simei,
Mika, Reaia, Baal,
ne Beera. Bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfo kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na odi Rubenfo no anim.
Wɔakyerɛw Beera nkurɔfo din sɛnea wɔn mmusua ne abusua no te: Yeiel ne wɔn ntuanoni, na Sakaria ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoel babarima.
 
Saa Rubenfo yi tenaa beae a efi Aroer de kosi Nebo ne Baal-Meon. Esiane sɛ na wɔwɔ anantwi bebree wɔ Gilead asase so no nti, wodidi kɔɔ apuei fam wɔ nweatam a ɛtrɛw kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.
10 Ɔhene Saulo bere so, Rubenfo dii Hagarfo* so nkonim wɔ ɔko mu. Enti wotu kɔɔ Hagarfo atenae a ɛwɔ Gilead apuei fam hɔ no.
Gad Asefo
11 Basan asase so no, na Gad asefo na wɔtete asase a edi Rubenfo de no so. Wɔtrɛw kɔɔ apuei fam kosii Saleka.
 
12 Na Yoel na otua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafo.
13 Na wɔn abusuafo a wɔyɛ ntuanofo ma mmusua afoforo ason din ne:
Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.
14 Eyinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.
15 Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuano.
 
16 Gadfo no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraa ne Saron tataw no nyinaa so.
17 Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam bere so na wɔkyerɛw eyinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.
Yordan Apuei Fam Mmusuakuw
18 Na akofo akɛse a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si mpem aduanan anan ahanson ne aduosia. Wokurakura nkatabo, mfoa ne agyan, na wɔn nyinaa akwadaw wɔ akodi mu. 19 Wɔko tiaa Hagarfo, Yeturfo, Nafisfo ne Nodabfo. 20 Wosu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na otiee wɔn mpaebɔ, efisɛ wɔde wɔn ho too ne so. Enti wodii Hagarfo no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim. 21 Asade a wɔfa fii Hagarfo no nkyɛn no yɛ yoma mpem aduonum, nguan mpem ahannu aduonum, mfurum mpenu ne nneduafo mpem ɔha. 22 Wokunkum Hagarfo no bebree wɔ ɔko no mu, efisɛ na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti wɔtenaa wɔn asase so kosii sɛ wotwaa wɔn asu.
23 Manase abusua fa no trɛw wɔ asase no so fi Basan kosii Baal-Hermon, Senir ne bepɔw Hermon ho. Na wɔdɔɔso yiye. 24 Eyinom ne wɔn mmusua no ntuanofo: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye din sɛ ɔkofo kɛse ne ɔkannifo. 25 Nanso na wonni nokware, na wobuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsom aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame. 26 Enti Israel Nyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsan frɛ no Tilgat-Pilneser) koma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfo, Gadfo ne Manasefo abusua fa sɛ nneduafo. Asiriafo no twaa wɔn asu kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ besi nnɛ.
* 5:10 Hagarfo. (1 Be 5.19-22) Saa abusua a wɔyɛ Hagar a na ɔyɛ Ismael ne na (1 Mose 16) asefo no, na wɔyɛ Israelfo atamfo no mu baako (Nnw 83.6).