4
Yuda Asefo Nkae
Yuda asefo no bi din de
Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.
Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Eyinom na na wɔyɛ Sorafo mmusua.
Na Etam asefo no ne
Yesreel, Yisma, Yidbas ne Haslelponi a na ɔyɛ ne babea, Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Eyinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefo.
Na Tekoa agya a ne din de Ashur no wɔ yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara.
Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari.
Hela woo
Seret, Sohar, Etnan, ne Kos a nʼasefo ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.
 
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛse sen ne nuabarimanom nyinaa. Ne na too no din Yabes, efisɛ onyaa ɔyaw wɔ nʼawo mu. 10 Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, “Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.
 
11 Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston. 12 Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Eyinom ne Reka asefo.
13 Kenas mmabarima ne
Otniel ne Seraia.
Otniel mmabarima ne
Hatat ne Meonotai. 14 Meonotai woo Ofra.
Na Seraia woo Yoab
a ofii Adwumfo Bon ase, efisɛ na adwumfo pii tete hɔ.
15 Na Yefune babarima Kaleb mmabarima yɛ
Iru, Ela ne Naam.
Na Ela babarima yɛ
Kenas.
16 Yehalelel mmabarima ne
Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
17 Ɛsra mmabarima yɛ
Yeter, Mered, Efer ne Yalon.
Mered waree Misraimnibea ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no. 18 Mered nso waree ɔbea a ofi Yuda.
Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no se Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babea.
19 Na Hodia yere yɛ Naham nuabea.
Ne mmabarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.
20 Simon mmabarima ne
Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon.
Na Yisi asefo no ne
Sohet ne Ben-Sohet.
Yuda Babarima Sela Asefo
21 Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako.
Na Sela asefo no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
22 Yokim, Kosebafo, Yoas, ne Saraf a na wodi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa din yi nyinaa, wonya fii tete nkyerɛw a na wɔakyerɛw agu hɔ mu. 23 Na wɔyɛ nkukunwemfo a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene.
Simeon Asefo
24 Na Simeon mmabarima no din de
Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.
25 Na Saulo asefo yɛ Salum, Mibsam ne Misma.
26 Na Misma asefo yɛ
Hamuel, Sakur ne Simei.
 
27 Simei woo mmabarima dunsia ne mmabea baasia. Ne nuabarimanom de, na wɔn mu biara nni abusua kɛse saa. Ɛno nti, Simeon abusua annɔ te sɛ Yuda abusua no. 28 Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual, 29 Bilha, Esem ne Tolad, 30 Betuel, Horma ne Siklag, 31 Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkurow yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kosii ɔhene Dawid bere so. 32 Wɔn asefo nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurow anum yi so, 33 ne ne nkuraa a atwa ho ahyia no kosii Baal.
 
Na wɔn atenae ni, na wɔahyehyɛ saa din yi nyinaa wɔ wɔn anato nkrataa mu.
 
34 Wɔn a wɔka Simeon asefo ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek
ne Amasia babarima Yosa, 35 Yoel,
Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,
36 Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia, 37 Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia.
 
38 Din a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofo a wɔdeda Simeon mmusuakuw a wɔyɛ adefo no ano no bi.
39 Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ obon no apuei fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so. 40 Wonyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefo no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dedaw.
41 Yudahene Hesekia bere so no, Simeon ntuanofo no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Meunifo afi pasaa. Wokum obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, efisɛ, na wɔpɛ sɛ wonya mmoa didibea pa no. 42 Akofo no mu ahannum a wofi Simeon abusuakuw mu no kɔɔ bepɔw Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmabarima no na na wodi wɔn anim. 43 Amalekfo kakra a wɔkae no, wokunkum wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.