3
Dawid Asefo
Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.
 
Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam.
Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.
Ne ba a ɔto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne na din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babea.
Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.
Ne ba a ɔto so anum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne na Abital.
Ne ba a ɔto so asia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne na Egla.
 
 
Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa.
 
Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ. Mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:
 
Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babea Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
Wɔsan wowoo mmabarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet, Noga, Nefeg, Yafia, Elisama, Eliada ne Elifelet.
 
Eyinom ne Dawid mmabarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabea bi a wɔfrɛ no Tamar.
Salomo Asefo
10 Na Salomo asefo yɛ
Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
11 Yoram, Ahasia, Yoas,
12 Amasia, Asaria, Yotam,
13 Ahas, Hesekia, Manase,
14 Amon ne Yosia.
15 Na Yosia mmabarima ne
Yohanan a ɔyɛ abakan,
Yehoiakim to so abien,
Sedekia to so abiɛsa,
na Salum to so anan.
16 Yehoiakim babarima Yehoiakyin na odii nʼade,
na ɔno nso ne wɔfa Sedekia bedii nʼade.
Yehoiakyin Asefo
17 Yehoiakyin a Babiloniafo kyeree no kɔtoo afiase no
mmabarima ne Sealtiel, 18 Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.
19 Na Pedaia mmabarima yɛ
Serubabel ne Simei.
Na Serubabel mmabarima yɛ
Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabea nso a ne din de Selomit. 20 Na ne mmabarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.
21 Na Hanania mmabarima din de
Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
22 Na Sekania asefo yɛ
Semaia ne ne mmabarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
23 Na Nearia mmabarima din de
Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
24 Na Elioenai mmabarima din de
Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.