22
Afei, Dawid kae se, “Ɛha ne baabi a wobesi Awurade Nyankopɔn Asɔredan no ne afɔremuka a Israel bɛbɔ so ɔhyew afɔre no.”
Asɔredan No Si Ho Ahoboa
Ɛno nti Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔho a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔma wotwaa abo a wɔde besi Onyankopɔn Asɔredan no. Dawid maa nnade pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho behia ama apon ne mpontare. Ɔmaa kɔbere mfrafrae nso bebree a na wontumi nkari mpo. Ɔmaa sida nnua pii nso, efisɛ na mmarima a wofi Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dedaw.
Dawid kae se, “Me babarima Salomo nnyinii, na onni osuahu bi, nanso ɛsɛ sɛ saa asɔredan yi yɛ kɛse, gye din na ɛyɛ anuonyamhyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa. Enti mefi ase nnɛ yi ara ayɛ ahoboa ama ne si.” Enti Dawid pɛɛ adansi ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onsi asɔredan mma Awurade, Israel Nyankopɔn. Dawid ka kyerɛɛ no se, “Me ba, na anka mepɛ sɛ misi asɔredan de hyɛ Awurade, me Nyankopɔn, din anuonyam. Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Woakunkum nnipa bebree wɔ akodi akɛse a wudii no mu. Na esiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim nti, ɛnyɛ wo na wubesi asɔredan de ahyɛ me din anuonyam. Na wobɛwo ɔbabarima a ne bere so asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoe abɛda ɔne nʼatamfo a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahenni mu no, mɛma asomdwoe ne ahotɔ aba Israel. 10 Ɔno ne obi a obesi asɔredan, de ahyɛ me din anuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahenni ahengua atim wɔ Israel afebɔɔ.’
11 “Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔso bere a wudi nʼahyɛde so, na woresi Awurade, wo Nyankopɔn, asɔredan yi. 12 Na Awurade mma wo nyansa ne ntease, na woadi Awurade, wo Nyankopɔn mmara so bere a wudi Israel so hene yi. 13 Sɛ wudi mmara ne ahyɛde a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yiye a, ebesi wo yiye. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wo koma ntu.
14 “Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no si ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn mpem anan (4,000), dwetɛ bɛyɛ tɔn mpem aduanan (40,000) ne nnade ne kɔbere mfrafrae pii a wontumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne abo a wɔde bɛyɛ afasu no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho. 15 Wowɔ abo adansifo, nnua adwumfo ne nnwuma ahorow mu adwumfo bebree. 16 Wɔyɛ abenfo wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinni mu, kɔbere mfrafrae ne nnade ho adwumayɛfo. Afei fi adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”
17 Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofo nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadi no mu. 18 Ɔkae se, “Awurade, wo Nyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoe aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, nti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfo nkoa. 19 Afei fi wo koma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Nyankopɔn. Si Awurade Nyankopɔn kronkronbea sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronne no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din anuonyam no mu.”