23
Lewifo Nnwuma
Bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, oyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na obedi Israel so hene.
Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofo nyinaa ne asɔfo, a Lewifo ka ho sɛ, wɔmmra ahensi afahyɛ no ase. Wɔkan Lewifo a wɔadi mfirihyia aduasa anaa nea ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem aduasa awotwe. Na Dawid kae se, “Wɔn mu mpem aduonu anan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem asia bɛsom sɛ mpanyimfo ne atemmufo. Mpem anan bɛyɛ apon ano hwɛfo na mpem anan foforo de nnwontode a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”
 
Na Dawid kyekyɛɛ Lewifo no mu akuwakuw de mmusuakuw a wɔyɛ Lewi mmabarima Gerson, Kohat ne Merari asefo no din totoo wɔn so.
Gersonfo
Gerson mmabarima ne:
Libni ne Simei.
Libni asefo no mu baasa yɛ
Yehiel (a ɔyɛ abusuapanyin), Setam ne Yoel.
Eyinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanyimfo.
Na Simei asefo baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.
10 Simei asefo baanan a wɔaka no ne
Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.
11 Na Yahat yɛ ɔbeapanyin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, efisɛ na wɔn mu biara nni mmabarima dodow.
Kohatfo
12 Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.
13 Amram mmabarima yɛ:
Aaron ne Mose.
Woyii Aaron ne nʼasefo sɛ wonni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔre wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wonhyira wɔ ne din mu daa daa. 14 Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no de, wɔde ne mmabarima kaa Lewi abusuakuw ho.
15 Mose mmabarima no yɛ
Gersom ne Elieser.
16 Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanyin no ka Gersom asefo no ho.
17 Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanyin.
Na Rehabia asefo yɛ bebree.
18 Na Selomit a ɔyɛ abusuapanyin no ka Ishar asefo no ho.
19 Na Yeria a ɔyɛ abusuapanyin,
Amaria a odi hɔ,
Yahasiel a ɔto so abiɛsa
ne Yekameam a ɔto so anan no
ne Hebron asefo no.
20 Na Mika a ɔyɛ abusuapanyin ne Yisia a odi hɔ no
yɛ Usiel asefo no.
Merarifo
21 Na Mahli ne Musi yɛ
Merari asefo no.
Mahli mmabarima ne
Eleasar ne Kis.
22 (Eleasar wui a wanwo mmabarima biara, na mmom mmabea nko ara. Ne mmabea no wareware wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmabarima.)
23 Musi mmabarima baasa no din de
Mahli, Eder ne Yeremot.
 
24 Eyinom na na wɔn mmusua nti wɔyɛ Lewi asefo, na wɔyɛ wɔn mmusua akuw no ntuanofo a na wɔahwɛ akyerɛw wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa, ansa na waso Awurade fi som. 25 Na Dawid kae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn ama yɛn asomdwoe, na daa ɔbɛtena Yerusalem. 26 Afei, ɛho nhia sɛ Lewifo no bɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.” 27 Sɛnea Dawid no ara akwankyerɛ a etwa to no se no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Lewifo a wɔadi mfirihyia aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.
 
28 Na Lewifo no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fi no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adiwo ne adan a ɛwɔ nkyɛn nkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahorow so wɔ Onyankopɔn fi. 29 Na wɔhwɛ brodo kronkron a wɔkora no didipon so no, asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduan afɔre, tetare a mmɔkaw nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua srade akyew ne brodo afoforo a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛde bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so. 30 Na anɔpa ne anwummere biara nso, wogyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no. 31 Wɔboa ɔhyew afɔre a wɔbɔ ma Awurade homeda ahorow mu wɔ Ɔsram Foforo Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadi mu. Bere biara, na Lewifo dodow a wɔfata wɔ hɔ a wɔsom wɔ Awurade anim.
32 Ɛno nti, Lewifo no a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu kɔɔ so som wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokwaredi yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade fi.