21
Dawid Kan Nnipa
Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, maa Dawid kan Israelfo. Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa efi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodow mmrɛ me, na ɛmma minhu wɔn ano.”
Na Yoab kae se, “Awurade mmɔ ne nkurɔfo no dodow ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?”
Nanso ɔhene no kae se, nea ɛte biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kan nnipa no. Na ɔsan baa Yerusalem bɛkaa nnipa no dodow kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodow yɛ mmarima ɔpepem baako ne mpem ɔha a wɔaso ɔsakɔ wɔ Israel ne mpem ahannan aduɔson wɔ Yuda.
Nanso Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuw anka nnipakan no ho, efisɛ na nea ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahometew.
Dawid Bɔne Ho Atemmu
Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa, enti ɔtwee Israel aso wɔ ho. Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mayɛ bɔne kɛse. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseade a mayɛ no kyɛ me.”
Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo no se, 10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Merema wo nsɛm ahorow abiɛsa. Paw emu baako na menyɛ ntia wo.’ ”
11 Enti Gad baa Dawid nkyɛn bɛkae se, “Sɛnea Awurade se ni: ‘Paw emu nea wopɛ: 12 mfe abiɛsa a ɔkɔm kɛse bɛba anaa asram abiɛsa a wʼatamfo bekunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yiye a, Awurade bɔfo nam so de ɔsɛe bɛba Israel asase so.’ Afei dwene eyi ho, na ma minhu mmuae ko a memfa nkɔma Awurade.”
13 Dawid buaa Gad se, “Mewɔ ahohiahia mu. Ma mentɔ Awurade nsam, efisɛ nʼahummɔbɔ no so. Mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
14 Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa mpem aduɔson wuwui. 15 Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfo sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na bɔfo no reyɛ no, Awurade nyaa ahummɔbɔ ka kyerɛɛ owu ɔbɔfo no se, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa bere no na ɔbɔfo no gyina Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.
16 Dawid pagyaw nʼani huu sɛ Awurade bɔfo no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼafoa de akyerɛ Yerusalem so. Enti Dawid ne Israel mpanyimfo furaa atweaatam de kyerɛɛ wɔn ahoyeraw, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ.
17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Me na mede nnipakan no ho asɛm bae! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfo yi de, ɛso bi nna wɔn so. Dɛn na wɔayɛ? Awurade me Nyankopɔn, ma wʼabufuw mmra me ne me fifo so, na nsɛe wo nkurɔfo.”
Dawid Si Afɔremuka
18 Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Gad se ɔnka nkyerɛ Dawid mma onsi afɔremuka mma Awurade wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 19 Na Dawid yɛɛ nea Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no. 20 Arauna a saa bere no na nʼani abere reporow nʼatoko so no dan ne ho huu ɔbɔfo no wɔ hɔ. Ne mmabarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no guan kohintawee. 21 Bere a Arauna huu sɛ ɔhene Dawid reba awiporowbea hɔ no, ofi hɔ kɔkotow nʼanim.
22 Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna se, “Tɔn awiporowbea yi ma me sɛnea ne bo te. Na mesi afɔremuka ama Awurade wɔ hɔ sɛnea obesiw ɔyaredɔm no ano.”
23 Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa, me wura, na fa yɛ nea wopɛ. Anantwi a wode bɛbɔ afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua yi ayɛ nnyina de asɔ gya wɔ afɔremuka no so. Fa atoko no nso bɔ atoko afɔre. Mede ne nyinaa bɛma wo.”
24 Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi! Mepɛ sɛ mitua nea ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapade mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyew afɔre a memmɔɔ ho ka.”
25 Enti Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram ason maa Arauna, de tɔɔ awiporowbea no. 26 Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade, bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpae no, Awurade tiee no, nam so de ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde a ɛwɔ afɔremuka no so no.
27 Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfo no ma ɔsan de nʼafoa no hyɛɛ ne boha mu. 28 Bere a Dawid huu sɛ Awurade atie ne mpaebɔ no, ɔbɔɔ afɔre pii wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 29 Saa bere no na Awurade Ahyiae Ntamadan ne afɔremuka a Mose sii wɔ sare so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ. 30 Nanso Dawid antumi ankɔ hɔ ankobisa Onyankopɔn ase, efisɛ afoa a Awurade bɔfo no twee no bɔɔ no hu.