18
Dawid Akodi Mu Nkonimdi
Eyi akyi no, Dawid ko dii Gat ne nkurow a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifo no hyɛe, brɛɛ wɔn ase. Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, maa Moabfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wotua sonkahiri ma no.
Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ofi Soba asraafo ase de kosii Hamat, bere a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo anantefo mpem aduonu. Afei, obubuu apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa anan, ma ɛkaa ɔha pɛ.
Bere a Aramfo fi Damasko bae sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkum wɔn mu mpem aduonu abien. Afei, ɔde asraafo guu Damasko, Aram ahenkurow mu, maa Aramfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no sonkahiri. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem. Ɔde kɔbere mfrafrae bebree a efi Hadadeser nkuropɔn Tibhat ne Kun kaa ho bae. Akyiri no, Salomo nan kɔbere mfrafrae no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.
Bere a Hamathene Tou tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no, 10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.
11 Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛde yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa fii aman foforo a ɔkaa wɔn hyɛe no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filisti ne Amalek.
12 Seruia babarima Abisai kunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon no mu. 13 Ɔde asraafo duaduaa Edom nyinaa, maa Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ sɛnea Awurade maa Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔe no nhwɛso.
14 Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.
 
15 Na Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni.
16 Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfo.
Sawsa na na ɔyɛ asennii kyerɛwfo.
17 Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo* ne Peletifo so.
Dawid mmabarima somee sɛ ɔhene aboafo mpanyimfo.
* 18:17 Na Keretifo ne Peletifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa ma wɔko. Keretifo no ase fi Krete na Peletifo no nso ase fi Filisti. Wɔtaa bɔ saa akuw abien yi din sɛ awɛmfo a wɔwɛn adehye.