19
Dawid Di Amorifo So Nkonim
Eyinom akyi no, Amonhene Nahas wui, na ne babarima Hanun bedii ade. Dawid susuw ho se, “Mɛda ayamye adi akyerɛ Nahas ba Hanun, efisɛ nʼagya daa ayamye adi kyerɛɛ me.”
Ɛno nti, Dawid tuu abɔfo ma wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wu no ho. Bere a abɔfo no duu Amon asase so no, Hanun asahene bisaa no se, “Enti wugye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya anuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.” Enti Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii wɔn abogyesɛ, twitwaa wɔn ntade ano wɔ wɔn to ase, ma wɔsan kɔe.
Bere a Dawid tee asɛm no, otuu abɔfo kɔɔ asomafo no nkyɛn kɔkae se, “Montena Yeriko mma mo abogyesɛ no mfuw ansa na moaba.” Efisɛ na wɔn ho ayɛ fɛre yiye.
Afei, Amonfo huu abufuwtraso a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfo soma ma wɔde dwetɛ nkaribo ani tɔn aduasa awotwe kogyee nteaseɛnam ne asraafodɔm fii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba. Wɔsan pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa abien, na wonyaa akyigyina fii Maakahene ne nʼakofo nkyɛn. Saa asraafodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon asraafodɔm a Hanun nya fii nʼankasa nkurow so no kɔkaa wɔn ho.
Bere a Dawid tee saa no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofo sɛ wɔne wɔn nkɔko. Amonfo asraafo no begyinagyinaa kuropɔn no pon ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa sare no so.
10 Bere a Yoab huu sɛ ɛsɛ sɛ ɔko ha ne ha no, ɔpaw nʼakofodɔm no mu akofo a wonim ako yiye no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfo no a wogyinagyina sare so no. 11 Ogyaw asraafodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔtow nhyɛ Amonfo no so. 12 Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so se, “Sɛ Amonfo no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo. 13 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoduru nko nnye yɛn nkurɔfo ne yɛn Onyankopɔn nkurow. Awurade bɛyɛ nea eye wɔ nʼani so.”
14 Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee. 15 Na Amonfo huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab san kɔɔ Yerusalem.
16 Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo no nti, wɔfrɛɛ Aram asraafodɔm foforo fii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa asraafodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser asraafodɔm nyinaa so sahene ase no bae.
17 Bere a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakofo no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfo no de ɔko hyehyɛɛ so, ma wɔko tiaa no. 18 Ɛha nso, Aramfo no guan fii Israelfo no anim, na Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo mpem ason ne anammɔnmufo asraafo mpem aduanan a Sofak a ɔyɛ wɔn so sahene no ka ho.
19 Hadadeser asomfo huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi no, Aramfo ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfo bio.