17
Awurade Apam Bɔhyɛ A Ɔde Ma Dawid
Dawid bɔɔ ne ho atenase wɔ nʼahemfi hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan se, “Me de, manya ahemfi a wɔde sida asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no de, ɛhyɛ ntamadan mu.”
Natan buae se, “Nea ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”
Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan se,
“Kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Awurade se ni: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wusi asɔredan ma me tena mu. Efi bere a mede Israelfo fii Misraim besi nnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntamadan mu na wɔde di atutena. Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofo no a wɔyɛ me nkurɔfo nguanhwɛfo no da. Mimmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn nti na munsii sida dua asɔredan fɛfɛ mmaa me?” ’
“Afei, kɔka kyerɛ me somfo Dawid se, ‘Sɛnea Asafo Awurade se ni: Miyii wo sɛ di me nkurɔfo Israelfo anim bere a na woyɛ abarimaa guanhwɛfo a worehwɛ wo nguan wɔ adidibea. Baabiara a wokɔe no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfo nyinaa. Na afei, mɛma wo din ahyeta wɔ asase so baabiara. Mama me nkurɔfo Israelfo no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beae bi a ɛwɔ bammɔ a obiara renhaw wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumɔyɛfo renhyɛ wɔn so, sɛnea wɔyɛɛ bere bi a atwa mu no, 10 fi bere a miyii atemmufo sɛ wonni me nkurɔfo so no. Na mɛka wʼatamfo nyinaa ahyɛ.
“ ‘Na merepae mu aka se, Awurade besi fi ama wo, ahenni nnidiso. 11 Na sɛ wuwu a, mɛma wo mmabarima no mu baako so, na mama nʼahenni ayɛ den. 12 Ɔno ne obi a obesi fi a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na metim nʼahengua ase afebɔɔ. 13 Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfi ne so, sɛnea miyi fii Saulo a wudii nʼade so no. 14 Mɛma nʼase atim wɔ mʼahenni nnidiso ne mʼaheman mu bere nyinaa mu, na nʼahengua no bɛtena hɔ daa.’ ”
15 Enti Natan san kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa nsɛm a Awurade aka no nyinaa kyerɛɛ no.
Dawid Aseda Mpaebɔ
16 Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpae se,
“Me ne hena, Awurade Nyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a nti wode me abedu saa tebea yi mu? 17 Na mprempren, Awurade, eyi nyinaa akyi no, woka se wobɛma me ahenni nnidiso afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛse pa ara, Awurade Nyankopɔn!
18 “Dɛn na menka bio mfa ɔkwan a woafa so ahyɛ me anuonyam yi ho? Wunim sɛnea mete ankasa. 19  Awurade, me nti ne wo pɛ mu nti, woayɛ saa nneɛma akɛse yi nyinaa, na woada no adi.
20 Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforo bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforo bi wɔ hɔ te sɛ wo! 21 Ɔman foforo bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforo bɛn, Onyankopɔn, na woayi no afi nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfo? Bere a wugyee wo nkurɔfo fii Misraim no, wode gyee din. Wonam nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ ahodwiriw so pam aman a wɔayɛ akwanside ama wɔn no. 22 Wuyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfo afebɔɔ, na wo, Awurade, woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.
23 Awurade, afei yɛ nea woahyɛ ho bɔ afa me ne mʼabusuafo ho no. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ebetim hɔ daa. 24 Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no anuonyam afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wiase nyinaa bɛka se, ‘Asafo Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo somfo Dawid ahenni nnidiso no ase ntim wɔ wʼanim.
25 “Wo me Nyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpae yi, efisɛ woada no adi sɛ wubesi fi ama me, mʼahenni nnidiso a ɛbɛtena hɔ daa. 26 Efisɛ woyɛ Onyankopɔn, Awurade. Na me, wo somfo, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ. 27 Na afei asɔ wʼani sɛ wubehyira me ne mʼabusuafo, sɛnea yɛn ahenni nnidiso bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wuhyira a, Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”