13
Dawid Pɛ Sɛ Ɔkɔfa Apam Adaka No
Dawid ne ne mpanyimfo a nʼasraafo so asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina. Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn pɛ a, momma yɛmfa nkra nkɔma Israelfo a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ nkurow so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. Bere adu sɛ yɛsan de yɛn Nyankopɔn Apam Adaka no ba, efisɛ Saulo ahenni bere so no, yɛampɛ anhwɛ.” Bagua no penee saa asɛm yi so efisɛ wohuu sɛ, wɔyɛ saa a, eye.
Enti Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, efi ɔman no ti kosi ti, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi Kiriat-Yearim mmra. Afei, Dawid ne Israelfo no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ kerubim ntam na Awurade din da so no aba.
Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforo so de fii Abinadab fi a Usa ne Ahio rekyerɛ kwan. Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim.
Nanso woduu Nakon awiporowbea no, anantwi no anan toto maa Usa teɛɛ ne nsa sɛ ɔreteɛ Apam Adaka no. 10 Ɛhɔ na Awurade abufuw sɔre tiaa Usa ma owui, efisɛ ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.
11 Dawid bo fuwii, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo beae hɔ din Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de besi nnɛ.
12 Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na obisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?” 13 Enti Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mmfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kurow no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fi wɔ Gat. 14 Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafo nkyɛn asram abiɛsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fifo nyinaa.