14
Dawid Ahemfi Ne Nʼabusua
Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo ne abo adansifo ne nnua dwumfo kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wonkosi ahemfi mma no. Afei, Huram san de sida nnua a wɔbɛpae kɔe. Na Dawid huu sɛ Awurade de no asi Israel so hene, na esiane Israel nti, wayɛ nʼahenni kɛse.
Afei, Dawid waree mmea bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea bebree. Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, Yibhar, Elisua, ne Elpelet, Noga, Nefeg ne Yafia, Elisama, Beeliada ne Elifelet.
Dawid Di Filistifo So Nkonim
Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so hene no, wɔboaboaa wɔn asraafo nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkyere no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid se wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima fii kurow no mu kohyiaa wɔn. Na Filistifo no abedu Refaim bon asɛe hɔ pasaa. 10 Enti Dawid bisaa Onyankopɔn se, “Mimpue na me ne Filistifo no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa ana?”
Awurade buae se, “Yiw, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”
11 Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ. Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim (a nkyerɛase ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). 12 Filistifo no gyaw wɔn ahoni nyinaa hɔ nti, Dawid hyɛ ma wɔhyew ne nyinaa.
13 Nanso ankyɛ biara, Filistifo no san baa obon no mu bio bɛsɛee hɔ. 14 Dawid bisaa Onyankopɔn nea ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buae se, “Nkɔ tee nkɔtow nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kosi wɔn akyi na montow nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no. 15 Na sɛ mote nnyigye bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra anan ase wɔ baka nnua no atifi a, montow nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifo no agu.” 16 Enti Dawid yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifo asraafo no guu fi Gibeon de kosii Geser.
17 Na Dawid din hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.