12
Dɔmmarima Kɔka Dawid Asraafodɔm Ho
Bere a Dawid guan fii Kis babarima Saulo anim kohintaw wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔm no. Na wɔka dɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodi mu no ho. Na wɔn nyinaa yɛ agyantowfo antoamfomfo. Na wotumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa tow agyan ne ahwimmo. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafo a wofi Benyamin abusuakuw mu.
 
Na nea otua wɔn ano yɛ Semaia a ofi Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabediakyiri. Eyinom ne dɔmmarima no nkae:
Asmawet mmabarima Yesiel ne Pelet;
Beraka ne Yehu a wofi Anatot; Ismaia a ofi Gibeon, ɔkofo kɛse ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu;
Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wofi Gedera; Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ofi Harif;
Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafo;
Yoela, Sebadia, Yeroham mmabarima a wofi Gedor.
 
Gadfo akofo akokodurufo bi a wɔakwadaw akodi mu guan kɔɔ Dawid afa bere a na ɔwɔ aguaabɔ mu wɔ sare so no. Na wɔyɛ nimdefo wɔ nkatabo ne peaw akodi mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔw so atwe.
 
Eser na na otua wɔn ano.
Obadia yɛ abediakyiri.
Eliab na ɔto so abiɛsa.
10 Nea ɔto so anan ne Mismana.
Nea ɔto so anum ne Yeremia.
11 Atai to so asia, Eliel to so ason.
12 Yohanan to so awotwe, Elsabad to so akron.
13 Yeremia to so du, Makbanai to so dubaako.
 
14 Saa dɔmmarima a wofi Gad yi yɛ asahene. Nea ɔnyɛ den koraa no, otumi ne asraafo ɔha ko, na nea ɔyɛ den no tumi ne asraafo apem ko. 15 Afe no mfiase a Asubɔnten Yordan ayiri no, wotwa kɔpam nnipa a wɔtete tataw so wɔ nʼapuei ne nʼatɔe konkɔn so nyinaa fii hɔ.
16 Afoforo a wofi Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ hintabea hɔ. 17 Dawid kohyiaa wɔn kae se, “Sɛ moaba asomdwoe so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebeyi me ama mʼatamfo wɔ bere a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Nyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
18 Na honhom no sii Amasai a akyiri no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panyin no so, na ɔkae se,
“Yɛyɛ wo dea, Dawid!
Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba;
Asomdwoe ne nkɔso nyɛ wo kyɛfa
na wʼaboafo nyinaa nya nkɔso,
efisɛ wo Nyankopɔn ne nea ɔboa wo.”
Enti Dawid ma wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nʼakofo mu.
19 Manase mmarima no bi tew wɔn ho kɔdɔm Dawid, bere a na ɔne Filistifo no rekɔko atia Saulo no. Nanso asɛm no ani dan a Filistifo ntuanofo ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wodwinnwen ho ara no, wɔma wɔsan wɔn akyi kae se, “Sɛ Dawid dan nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde betwa so.” 20 Manase mmarima a wɔtew wɔn ho kɔɔ Dawid afa, bere a na ɔresan akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da asraafo apem ano. 21 Wɔboaa Dawid ma ɔtaa afowfo no, efisɛ na wɔyɛ akokodurufo ne akofo akɛse a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakofo mu. 22 Adekyee biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kosii sɛ onyaa asraafodɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn de.
23 Eyinom ne akofo akɛse dodow a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di hene, sɛnea Awurade ahyɛ ato hɔ no.
 
24 Akofo akɛse a wofi Yuda abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem asia ne ahanwɔtwe a wokurakura nkatabo ne mpeaw.
25 Akofo akɛse a wofi Simeon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem ason ne ɔha.
26 Asraafo a na wofi Lewi abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem anan ne ahansia. 27 Na Yehoiada a otua Aaron abusua no ano no wɔ asraafo mpem abiɛsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase. 28 Saa ara nso na na Sadok, ɔbabun ɔkofo kɛse ne nʼabusuafo aduonu abien a wɔn nyinaa yɛ asraafo mpanyimfo ka ho.
29 Akofo akɛse a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔyɛ Saulo abusuafo no, na wɔn dodow yɛ mpem abiɛsa (3,000). Na Benyaminfo no mu fa kɛse no taa Saulo akyi ara.
30 Akofo akɛse a wofi Efraim abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu ne ahanwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye din wɔ nʼabusua mu.
31 Manase abusuakuw fa a na ɛwɔ Yordan atɔe fam no nso, wotuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botae ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi hene.
32 Ntuanofo a wofi Isakar abusuakuw mu ne wɔn abusuafo dodow yɛ ahannu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa bere no ase, na wonim ɔkwan pa a eye ma Israel nso.
33 Akofo a wɔakwadaw akodi mu a wofi Sebulon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodi, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.
34 Wɔn a wofi Naftali abusuakuw mu no yɛ asraafo mpanyimfo apem (1,000) ne akofo akɛse mpem aduasa ason (37,000) a wokurakura nkatabo ne mpeaw.
35 Akofo a wofi Dan abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu awotwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
36 Akofo akɛse a wɔatetew wɔn yiye a wofi Aser abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
37 Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akode ahorow nyinaa.
 
38 Saa asraafo yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botae ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.
 
Nokware, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn hene. 39 Wɔne Dawid didi nomee nnansa, efisɛ na wɔn abusuafo no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn kwan. 40 Nnipa bi a wofi akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuan tenaa wɔn mfurum, yoma ne anantwi so bae. Wɔde asikresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsa, ngo, anantwi ne nguan bebree baa afahyɛ no ase. Anigye a enni kabea baa Israel asase so.