22
Ayeforohyia Aponto Ho Bɛ
Yesu de mmebu ahorow kyerɛɛ sɛnea Ɔsoro Ahenni no te. Ose, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforo na ɔtoo pon maa no. Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Bere no dui no, ɔnam tumi so somaa nʼasomfo sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso nnipa no amma.
“Ɔsan somaa nʼasomfo afoforo se, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn se, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwi ne me nyɛmmoa de anoa aduan awie. Mommra ayeforo no ase mmedidi!’
“Nanso wɔammua no. Obi kɔɔ nʼafum. Ɔfoforo nso kodii ne gua. Afoforo nso kyeree nʼasomfo no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkum ebinom nso. Ɔhene no tee nea nnipa no ayɛ nʼasomfo no, ne bo fuwii. Ɔsomaa nʼasraafo ma wokokunkum awudifo no, hyew wɔn kurow no pasaa.
“Ɔsan frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Wɔawie ayeforo aduan no. Nanso wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba aponto no ase. Enti monkɔ mmɔnten so na obiara a mubehu no no, momfrɛ no mmra aponto no ase.’ 10  Asomfo no fii adi kɔɔ mmɔnten so kɔfrɛɛ nnipa dodow a wohuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɔdan a wɔtoo pon wɔ mu no yɛɛ ma.
11  “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ohuu obi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ. 12  Obisaa no se, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforohyia atade, na wutumi baa ha?’ Nanso damfo no antumi ammua.
13  “Afei ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔtow no nkyene akyirikyiri sum mu, nea osu ne setwɛre wɔ no.’
14  “Wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔpaw wɔn.”
Towyi Ho Asɛmmisa
15 Farisifo no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa nʼanom asɛm so anya no akyere no. 16 Wosii no gyinae se, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefo aba Yesu nkyɛn abebisa no se, “Owura, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wonam nokware kwan so kyerɛ nnipa kwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wunsuro akyi asɛm, efisɛ wonhwɛ nnipa anim. 17 Ka ma yentie. Eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”
18 Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19  Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. 20 Obisaa wɔn se, “Hena mfoni na ɛda so, na hena din nso na ɛwɔ so?”
21 Wobuaa se, “Kaesare.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”
22 Ne mmuae a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn ma wogyaw no hɔ kɔe.
Owusɔre Mu Aware
23 Da no ara, Sadukifo a wonnye owusɔre nni no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, 24 “Owura, Mose kae se, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma owufo no. 25 Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanyin no waree a wanwo ba na owui. Enti ne nua a ɔto so abien no faa ne yere no kunabea. 26 Nea ɔto so abien no nso wui, maa nea ɔto so abiɛsa no faa ɔbea no kunabea. Ɔno nso wui a wanwo ba, maa ɔfoforo nso faa ɔbea no kunabea. Eyi toaa so ara kosii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbea no. 27 Nea edi akyi ne sɛ, ɔbea no nso wui. 28 Ɛno nti, owusɔrebere no, nnipa baason yi mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no!’ ”
29 Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moayɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30  Na owusɔrebere no, aware nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no. 31  Nea ɛfa owusɔre no ho no nso, monkenkan nea Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Munhu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo bere a ɔkae se, 32  ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?’ Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn na mmom, ateasefo Nyankopɔn.”
33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.
Mmaransɛm No Mu Nea Ɛkyɛn Ne Nyinaa
34 Farisifo no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifo no so no, wokohyiaa Yesu. 35 Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfo bisaa Yesu se, 36 “Owura, Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”
37 Yesu buaa no se, “ ‘Dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ 38  Eyi ne mmaransɛm no mu nea edi kan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39  Nea ɛto so abien no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40  Mose mmaransɛm ne adiyifo no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm abien yi so.”
Hena Ba Ne Agyenkwa No?
41 Farisifo no twaa Yesu ho hyiae no, obisaa wɔn se, 42  “Dɛn na mususuw fa Agyenkwa no ho? Hena ba ne no?”
Wobuaa no se, “Dawid Ba.”
43 Yesu bisaa wɔn se “Ɛno de, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade?’ Efisɛ Dawid kae se,
44  “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se,
“Tena me nifa
kosi sɛ mɛma woadi
wʼatamfo nyinaa so.” ’
45 Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛno de, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?” 46 Obiara antumi ammua. Eyi akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.