21
Yesu Kɔ Yerusalem Sɛ Ɔhempɔn
Aka kakra na Yesu ne nʼasuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛn kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafo no mu baanu se, wonni kan nkɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum bi ne ne ba hama. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. Sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka nkyerɛ onipa ko no se, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”
Wɔyɛɛ eyi de hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka se,
“Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se
wo hene reba wo nkyɛn.
Odwo, na ɔte afurum ne
afurum ba so” no mu den.
Asuafo baanu no yɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntama sesɛw afurum no so, maa Yesu tenaa no so. Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. Dɔm no tu teɛe de osebɔ teɛteɛɛ mu se,
“Hosiana Dawid Ba!”
 
“Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.”
 
“Hosiana wɔ ɔsoro nohɔ!”
10 Bere a oduu Yerusalem no, kurow no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfo no bisae se, “Na hena ni?”
11 Nnipadɔm no buae se, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”
Yesu Kɔ Hyiadan Mu
12 Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui. 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae.’ Nanso mo de, mode hɔ ayɛ adwowtwafo atenae.”
14 Afei anifuraefo ne mmubuafo baa ne nkyɛn wɔ hyiadan mu hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 15 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi na wɔtee nso sɛ mmofra nkumaa a wɔwɔ hyiadan mu hɔ reteɛteɛ mu se, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.
16 Enti wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no ana?”
Yesu bua se, “Yiw. Na monkenkan saa Kyerɛwsɛm a ɛka se,
“ ‘Mmofra ne nkokoaa mpo
de wɔn ano kamfo wo’ no da, ana?”
17 Afei ofii hɔ san kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.
Yesu Dome Borɔdɔma Dua Bi
18 Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no. 19 Ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso oduu hɔ no, ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui.
20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn nti na borɔdɔma dua no so nhaban poo ntɛm saa?”
21 Yesu nso buaa wɔn se, “Nokware, sɛ mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. 22  Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.”
Yesu Tumi Ho Asɛmmisa
23 Yesu san kɔɔ hyiadan mu hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu hɔ no.
24 Yesu kae se, “Merebebisa mo asɛm baako bi, na mummua me ansa. 25  Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane anaa ɛnyɛ ɔno?”
Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka sɛ ‘Efi Onyankopɔn’ a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni? 26 Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
27 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yennim!”
Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, “Sɛ munnim de a, me nso meremmua mo.”
Mmabarima Baanu Ho Bɛ
28 Yesu kae se, “Saa asɛm a merebɛka yi mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, ‘Me ba, nnɛ kɔ mʼafum na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’
29  “Ne ba no kae se, ‘Merenkɔ,’ nanso akyiri no, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔe.
30  “Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kae se, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.
31  “Saa mmofra baanu yi mu hena na otie nʼagya asɛm?”
Wobuae se, “Ɛyɛ ne ba panyin no.”
Yesu see wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnefo ne nguamanfo bɛkɔ Ɔsoro Ahenni mu ansa na moakɔ. 32  Efisɛ Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo trenee kwan, na moannye no anni. Nanso towgyefo ne nguamanfo gyee no dii. Na muhuu eyi mpo no, moansakra mo adwene, na moannye no anni.”
Apaafo Ho Bɛ
33 Yesu buu wɔn bɛ foforo bi se, “Da bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobeturo a wagye ban afa ho, na watu amoa a wokyi nsa wɔ mu, de afuw no gyaw akuafo bi. Eyi akyi no, otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. 34  Eduu bere a bobe no beree a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafo no hɔ sɛ wommegye ne kyɛfa mmrɛ no.
35  “Woduu hɔ ara pɛ na akuafo no tow hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako na wosiw ɔbaako nso abo. 36  Afei ɔsan somaa nnipa a wɔn dodow sen wɔn a ɔsomaa wɔn kan no se wɔnkɔ akuafo no nkyɛn, nanso asɛm koro no ara bi na esii. 37  Eyi akyi no ɔsomaa ɔno nʼankasa ne ba kɔɔ akuafo no nkyɛn susuwii sɛ, wɔde nidi bɛma no.
38  “Nanso akuafo no huu sɛ ne ba no apue reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no; momma yenkum no, na yɛmfa afuw no!’ 39  Ɛhɔ ara na wɔtwee no fii afuw no mu, kokum no too baabi.
40  “Sɛ afuw wura no san ba a, mugye di sɛ dɛn na ɔbɛyɛ saa akuafo no?”
41 Yudafo mpanyin no buae se, “Ɔno nso bekum saa atirimɔdenfo no na ɔde afuw no ama akuafo foforo a wɔde ne kyɛfa bɛma no bere a ɛsɛ mu.”
42 Yesu bisaa wɔn bio se, “Monkenkan Kyerɛwsɛm no mu da sɛ,
“ ‘Ɔbo a adansifo apo no
ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea so tibo.
Awurade na wayɛ eyi,
na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’
43  “Nea mereka ara ne sɛ, wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman foforo a wobebu ne nnɔbae no ho nkontaa pa akyerɛ no. 44  Wɔn a wɔbɛhwe saa ɔbotan yi so no mu bebubu, na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”
45 Bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no tee ase sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, 46 wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wosuro dɔm no efisɛ na wɔagye Yesu ato mu sɛ ɔyɛ Odiyifo.