20
Afum Adwumayɛfo Ho Bɛ
Yesu san buu wɔn bɛ foforo bi se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ okuafo bi a ofii adi anɔpa bi sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa. Ne nsa kaa apaafo no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ obetua wɔn da koro adwuma so akatua.
“Ankyɛ ofii adi bio kohuu nnipa bi nso, sɛ wogyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee. Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuw no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso se, obetua wɔn nea eye. Enti wɔkɔe.
“Ɔsan kɔɔ owigyinae ne nnɔn abiɛsa bere mu kɔbɔɔ nnipa foforo paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛe koro no ara bi. Ɔsan fii adi bɛyɛ nnɔnnum bere mu, kohuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na da mu yi nyinaa mugyinagyina ha a monyɛ hwee?’
“Wobuae se, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa ɛ.’
“Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ɛno de, mo nso monkɔyɛ adwuma wɔ mʼafum.’
“Eduu anwummere no, ɔfrɛɛ nea otua nʼapaafo no ka no ka kyerɛɛ no se, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, fi wɔn a wɔbaa akyiri yi no so kosi wɔn a wɔbaa kan no so.’
“Apaafo a ɔfaa wɔn akyiri no nyinaa, otuaa wɔn da koro apaade. 10  Wɔn a wɔfaa wɔn kan no nso bae. Wosusuw sɛ wobenya sika a ɛboro wɔn a wɔfaa wɔn akyiri no de no. Nanso wɔn nso wotuaa wɔn sɛnea wotuaa wɔn a wɔbaa akyiri no ara pɛ. 11  Wɔn nsa kaa wɔn apaade no, anyɛ wɔn dɛ. 12  Wɔka kyerɛɛ afuw wura no se, ‘Nnipa a wɔbaa akyiri no yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nanso yɛn a yɛyɛɛ adwuma fi anɔpa maa owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’
13  “Obuaa wɔn mu baako se, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, metua wo da koro adwuma so akatua ana? 14  Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Efi me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kan ne wɔn a wɔbaa akyiri no nyinaa ka pɛ. 15  Mmara bi siw me ho kwan sɛ mede me sika yɛ nea mepɛ? Anaasɛ mʼayamye nti na wʼani abere yi?’
16  “Asɛm a Yesu ka de wiee ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wodi akyi no bedi kan, na wɔn a wodi kan no nso bedi akyi.’ ”
Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm A Ɛto So Abiɛsa
17 Yesu sii mu sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafo no kaa ne ho. 18 Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafo no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wobeyi me ama asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ. 19  Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asennua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afi awufo mu.”
Ɛna Bi Adesrɛ
20 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn na baa Yesu nkyɛn. Ɔbea yi de adesrɛde bi bɛtoo Yesu anim.
21 Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma wo?”
Obuaa no se, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahenni mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”
22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wunnim nea worebisa no.” Afei ɔdan ne ho bisaa Yakobo ne Yohane se, “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi ana?”
Wobuaa no se, “Yebetumi!”
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me kuruwa ano de, mubetumi anom, nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼAgya ayi wɔn no.”
24 Asuafo du a aka no tee nea Yakobo ne Yohane akobisa no, wɔn bo fuwii. 25 Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wodi wɔn so no nso di afoforo so. 26  Nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo. 27  Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ odikanfo wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa. 28  Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”
Anifuraefo Baanu Hu Ade
29 Yesu ne nʼasuafo fi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tete. Anifuraefo yi tee sɛ Yesu retwa mu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
31 Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
32 Yesu duu nea wɔtete hɔ no, ogyina bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
33 Wɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, yɛpɛ sɛ yehu ade!”
34 Anifuraefo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ wohuu ade, na wodii nʼakyi.