19
Awaregyae
Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ofi Galilea no, otwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yare.
Farisifo bi ba bebisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wobisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?”
Yesu nso bisaa wɔn se, “Gyama monkenkan Kyerɛw Kronkron no? Wɔakyerɛw wɔ mu se, ‘Mfiase no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea. Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ Enti na wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔabɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ obiara tetew mu.”
Farisifo no kɔɔ so bisaa no se, “Adɛn nti na Mose kae se, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere a otumi kyerɛw no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”
Yesu buaa wɔn se, “Esiane sɛ na mo koma apirim no nti na Mose maa awaregyae ho kwan, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn hyehyɛe. Na mereka akyerɛ mo se, obiara a obegyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbɛsan aware ɔbea foforo no asɛe aware.”
10 Yesu asuafo no kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”
11 Yesu buaa wɔn se, “Ɛnyɛ obiara na obetumi agye asɛm yi ato mu, gye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12  Nnipa bi wɔ hɔ a wonni mmarimayɛ mu ahoɔden fi awo mu, ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahenni no nti, wɔpo aware. Obiara a obetumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”
Yesu Hyira Mmofra Nkumaa
13 Wɔde mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpae mma wɔn. Nanso asuafo no kaa wɔn anim.
14 Yesu kae se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.” 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefi hɔ akɔ.
Ahonya Ne Onyankopɔn Ahenni No
16 Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”
17 Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu de a, di mmara nsɛm no so.”
18 Aberante no nso bisaa no se, “Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?”
Yesu buaa no se, “Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro. 19  Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”
20 Aberante no nso kae se, “Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei menyɛ dɛn?”
21 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya ademude wɔ ɔsoro. Afei bedi mʼakyi.”
22 Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.
23 Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu. 24  Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!”
25 Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, “Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?”
26 Yesu hwɛɛ wɔn buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”
Ahopakyi
27 Petro nso kae se, “Yagyaw biribiara hɔ abedi wʼakyi; na mfaso bɛn na yebenya afi wʼakyidi no mu?”
28 Yesu buae se, “Me, Agyenkwa no, sɛ metena mʼanuonyam ahengua no so a, nokware, mo mʼasuafo yi nso bɛtena ahengua dumien no so na moabu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. 29  Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuabarimanom, ne nuabeanom, nʼagya, ne na, ne yere, ne mma anaa nʼagyapade abedi mʼakyi no, obenya no ho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso. 30  Na wɔn a wɔadi kan no mu pii bedi akyi, na wɔn a wodi akyi no nso mu bi abedi kan.”