23
Nyaatwomyɛ Ho Kɔkɔbɔ
Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafo no se, “Kyerɛwsɛm no Akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase. Eyi nti, ɛsɛ sɛ mutie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso monnyɛ nea wɔyɛ no bi efisɛ nea wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ. Wɔhyɛ mo ma mudi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wodi so.
“Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔde sɛbɛ a kyerɛw nsɛm bi hyɛ mu sɛn wɔn nsa, hyɛ ntade yuu kyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo. Na wɔkɔ aponto ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanyin tenabea; wɔkɔ asɔre nso a wɔpɛ sɛ wɔtena mpanyin tenabea pa. Sɛ wode obu kyia wɔn wɔ abɔnten so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a ɛyɛ wɔn dɛ.
“Mommma obiara mmfrɛ mo sa. Efisɛ Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom. Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ efisɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa. 10  Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ efisɛ ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no. 11  Wobrɛ wo ho ase som afoforo a, wobɛyɛ ɔkɛse. Wopɛ sɛ woyɛ ɔkɛse a, yɛ ɔsomfo. 12  Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.
Yesu Kasa Tia Nyaatwomyɛ
13  “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo, efisɛ musiw afoforo Ɔsoro Ahenni ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan. 14  Nyaatwomfo! Mobɔ mpae atenten wɔ mmɔnten so de kyerɛ sɛ moyɛ atreneefo wɔ bere a mutu akunafo fi wɔn afi mu.
15  “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mubenya onipa baako abɛfra mo mu. Na sɛ munya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sen sɛnea mote no.
16  “Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo a moka se, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno de, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam de a, ɛno de, ntam no kyekyere onii no. 17  Anifuraefo nkwaseafo! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛtew sikakɔkɔɔ no ho no? 18  Na moka se, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛde a egu afɔremuka no so ntam de a, ɛkyekye onii! no’ 19  Anifuraefo! Afɔremuka a ɛtew ayɛyɛde a egu so no ho no, ne ayɛyɛde a egu so no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo? 20  Sɛ woka afɔremuka no ntam a, woka afɔremuka no ne ɛso ayɛyɛde no nyinaa ntam, 21  na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam. 22  Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahengua ne Onyankopɔn no ankasa ntam.
23  “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ ne nokwaredi. Ɛwɔ mu sɛ ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no. 24  Akwankyerɛfo anifuraefo! Mosɔn nea monom so, yi mu nwansena nanso momene yoma!
25  “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mutwiw mo kuruwa ne mo asanka ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no de, amim ne pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma tɔ. 26  Farisifo anifuraefo! Muntwiw kuruwa no mu kan, na kuruwa no ho nyinaa bɛtew!
27  “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo! Mote sɛ ɔda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufo nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ. 28  Moyɛ mo anim sɛ atreneefo, nanso bɔne ahorow ahyɛ mo mu ma tɔ.
29  “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Musisi ada akɛse ma adiyifo a mo ara mo agyanom kunkum wɔn, na mode nhwiren gugu atreneefo a wokunkum wɔn no nna so, 30  na mutwa mo ho ka se, ‘Sɛ na yɛte ase saa bere no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛe no.’ 31  Sɛ moka saa a, mubu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimɔdenfo mma. 32  Munni wɔn anammɔn akyi nyɛ saa bɔne koro no ara bi pɛpɛɛpɛ.
33  “Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu gya mu atemmu no? 34  Mɛsoma adiyifo ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asennua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa bi afi nkurow so akɔ nkurow so. 35  Na atreneefo mogya a moahwie agu asase so nyinaa, efi Habel so de kosi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no, bɛba mo so. 36  Mereka akyerɛ mo se, atemmu a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so.
37  “Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ! 38  Wobegyaw mo fi ofituw ama mo. 39  Na mise mo sɛ, efi sesɛɛ morenhu me bio kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.’ ”