16
Farisifo Ne Sadukifo Pɛ Nsɛnkyerɛnne
Da koro bi, Farisifo ne Sadukifo baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no se ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn.
Yesu buaa wɔn se, “Munim wim nsakrae ho nkyerɛase. Sɛ owia rekɔtɔ, na wim yɛ kɔkɔɔ a, moka se ɔkyena wim bɛtew. Sɛ edu anɔpa na wim yɛ kɔɔ a, moka se wim rentew da mu no nyinaa. Nanso muntumi nkyerɛ mmere mu nsɛnkyerɛnne no ase. Saa ɔman nnebɔneyɛfo a wonnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wobehu ɔsoro nsɛnkyerɛnne bi, nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne foforo biara ka anwonwade a woyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wiee no, ogyaw wɔn hɔ kɔe.
Farisifo Ne Sadukifo Mmɔkaw
Asuafo no twa kɔɔ asuogya nohɔ no, wɔkae se anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduan. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho.”
Asuafo no susuw sɛ gyama wonkura aduan biara no nti na Yesu kaa saa.
Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua! Adɛn na ɛhaw mo sɛ moamfa aduan? Enti ebesi nnɛ monte ase ana? Mo werɛ afi brodo anum a mibubuu mu maa nnipa mpem anum no ne ase mporoporowa kɛntɛn a ɛkae no? 10  Mo werɛ asan afi brodo ason a mede maa nnipa mpem anan ne nea ɛkae no? 11  Adɛn nti na modwene sɛ aduan ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresan aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.’ ” 12 Afei asuafo no tee nea ɔkae no ase sɛ, Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.
Petro Kyerɛ Onipa Ko A Yesu Yɛ
13 Bere a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, obisaa nʼasuafo no se “Nnipa ka se Onipa Ba no ne hena?”
14 Wobuaa no se, “Ebinom se wone Yohane Osuboni. Ebinom nso se Elia. Afoforo nso se wone Yeremia anaa adiyifo no mu baako.”
15 Afei Yesu bisaa wɔn se “Na mo nso, muse mene hena?”
16 Simon Petro buaa no se, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefo no Ba no!”
17 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nhyira ne wo, Yona ba Simon. Efisɛ ɛnyɛ onipa na oyii eyi kyerɛɛ wo, na mmom ɛyɛ mʼAgya a ɔwɔ ɔsoro no. 18  Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo besi, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gya mu no rentumi mmubu no da. 19  Mede Ɔsoro Ahenni no safe bɛma wo, na ɔpon biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɔpon biara a wubebue wɔ asase so no, wobebue wɔ ɔsoro!” 20 Afei Yesu bɔɔ nʼasuafo no ano se wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.
Yesu Hyɛ Ne Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔm
21 Efi saa bere no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ ɔkɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amane a obehu wɔ Yudafo mpanyin, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne akyerɛkyerɛfo no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyan no mu pefee kyerɛɛ nʼasuafo no.
22 Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Nea woreka yi remma wo so da!”
23 Yesu dan ne ho kaa Petro anim se, “Ɔbonsam, fi me so! Woyɛ hintidua kɛse ma me. Wudwen nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn de.”
24 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasennua so, na onni mʼakyi. 25  Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti, ne kra befi ne nsa no, ne nsa bɛsan aka. 26  Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Dɛn na onipa betumi de asi ne kra anan mu? 27  Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya anuonyam mu a mʼabɔfo ka me ho na mabebu obiara nneyɛe ho atɛn.
28  “Nokware mise mo sɛ: Mo mu bi renwu kosi sɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahenni mu.”