17
Yesu Anuonyam Hyerɛn
Nnansia akyi no Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi a so yɛ dinn atifi. Wɔwɔ hɔ no, wohuu sɛ ne nipadua asakra ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatade ayɛ fitafita sɛ nwera. Prɛko pɛ, Mose ne Elia bepuee hɔ a na wɔne Yesu rekasa.
Petro kae se, “Awurade, ɛyɛ nwonwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wopɛ a, anka mɛbɔ asese abiɛsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”
Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani. Muntie no!”
Asuafo no tee nne no, wɔbɔɔ hu ma wɔde wɔn anim butubutuw fam. Yesu baa wɔn nkyɛn, besusoo wɔn mu kae se, “Monsɔre! Munnsuro!” Wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara.
Ɛbaa sɛ wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka nea moahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ menyan afi awufo mu.”
Elia Ba A Ɛto So Abien Ho Asɛm
10 Yesu asuafo no bisaa no se, “Adɛn nti na daa Yudafo mpanyin ka ti mu se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Agyenkwa no aba?”
11 Yesu buaa wɔn se, “Nea wɔreka no wɔ mu. Ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma yiye. 12  Na nokware ni, Elia aba dedaw na wɔanhu no, na dodow no ara ne no anni no yiye. Na me, Agyenkwa no nso, mehu amane wɔ wɔn nsam saa ara.” 13 Afei asuafo no hui sɛ Osuboni Yohane ho asɛm na ɔreka no.
Otwafo Bi Ayaresa
14 Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se, 15 “Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. Sɛ otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu. 16 Enti mede no brɛɛ wʼasuafo no sɛ wɔnsa no yare; nanso wɔantumi.”
17 Yesu kae se, “Mo nnɛ mma asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me wɔ ha.” 18 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu ma amono mu hɔ ara ne ho tɔɔ no.
Gyidi Mu Tumi
19 Afei asuafo no baa Yesu nkyɛn wɔ kokoa mu bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?”
20 Yesu buaa wɔn se, “Efisɛ mo gyidi sua.” Ɔtoaa so se, “Sɛ mowɔ gyidi sɛ onyaa aba*a esua koraa no a, anka mubetumi aka akyerɛ bepɔw yi se, ‘Tutu kɔ nohɔ!’ na ebetutu akɔ akyirikyiri. 21  Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi de, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaebɔ ne mmuadadi so.”
Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm A Ɛto So Abien
22 Da bi a Yesu ne nʼasuafo no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔrebeyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a 23  wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyan aba nkwa mu bio.” Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ howee, na wɔn koma nso tui.
Yesu Tua Asɔredan Mu Tow
24 Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, “Enti wo wura tua tow?”
25 Petro buaa no se, “Yiw otua.”
Petro fii hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, “Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua anaasɛ wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?”
26 Petro buaa se, “Wotwa tow no ma ahɔho no.”
Yesu nso buae se, “Petro mo! Ɛno de na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua tow biara. 27  Na mmom, esiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, kɔ asu no mu kɔto darewa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kotua ma wɔn.”
* 17:20 egyina hɔ ma sinapi aba.