15
Nea Egu Obi Ho Fi
Da bi, Farisifo ne Yudafo mpanyin no bi fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni Yudafo amanne so? Yɛn amanne a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wonni so.”
Yesu nso bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo nso mode mo amanne no bu Onyankopɔn mmaransɛm so? Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofo ho no, ɛsɛ sɛ wokum no,’ Na mo de, nea moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne na anaa nʼagya se, ‘Mewɔ ade bi a anka metumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne. Enti mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo na ni no so. Mo nyaatwomfo! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ,
“ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wodi me ni,
nanso wɔn koma mmɛn me.
Wɔsom me ani so kɛkɛ,
efisɛ wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’ ”
10 Afei Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn se, “Muntie nea meka no na mommɔ mmɔden nte ase. 11  Ɛnyɛ ade a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho ntew, na mmom, nea ebefi ne mu aba no na egu ne ho fi.”
12 Nsɛm a Yesu kaa yi maa nʼasuafo no ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wunim sɛ wo nsɛm a wokaa no ama Farisifo no bo afuw?”
13 Yesu buaa wɔn se, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na oduae no, wobetu akyene. 14  Mummmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifuraefo a wɔrekyerɛ anifuraefo kwan nti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔtew ahwe amoa mu.”
15 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛ yɛn bɛ no ase.”
16 Yesu nso bisaa no se, “Ampa ara sɛ monte ase? 17  Munnim sɛ ade a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asan aba bio? 18  Asɛm a ho ntew biara fi koma a mu ntew mu ma egu nea ɔkaa saa asɛm no ho fi. 19  Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi. 20  Eyinom na egu onipa ho fi. Nanso sɛ obi anhohoro ne nsa sɛnea mo amanne te no na odidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”
Kanaanni Bea Bi Gyidi
21 Yesu fii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. 22 Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.”
23 Yesu anka hwee. Nʼasuafo no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbea no mfi hɔ. Wotii mu ka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”
24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔsomaa me baa Yudafo, Israel nguan a wɔayera no nkyɛn na ɛnyɛ amanamanmufo.”
25 Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, “Me wura, boa me!”
26 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Enye sɛ wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman.”
27 Ɔbea no nso buae se, “Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no.”
28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɔbea, wo gyidi mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisade ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no.
Yesu Sa Nyarewa Ahorow
29 Yesu san baa Galilea po no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔw bi so. 30 Nnipa bebree de mpakye, anifuraefo, apirafo, mum ne wɔn a wɔyare nyarewa ahorow baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yare, ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 31 Nnipa no ho dwiriw wɔn. Wɔn a wɔnkasaa da kasae; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafo nantew huruhuruwii na anifuraefo huu ade. Nnipadɔm no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Israel Nyankopɔn.
Nnipa Mpem Anan Aduanma
32 Afei Yesu frɛɛ nʼasuafo no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi me nkyɛn ha nnansa. Aduan a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afi mu a wonnidii, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ piti wɔ kwan so.”
33 Nʼasuafo no nso bisaa no se, “Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?”
34 Yesu nso bisaa wɔn se, “Brodo dodow ahe na mowɔ?”
Wobuae se, “Yɛwɔ brodo ason ne mpataa kakraa bi.”
35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ sare no so. 36 Afei ɔfaa brodo ason no ne mpataa no, hyiraa so na obubuu mu de maa asuafo no se wɔmfa mma nnipadɔm no nni. 37 Wɔn nyinaa dii aduan no mee pintinn. 38 Wɔn a wodii saa aduan no, na wɔn dodow yɛ nnipa mpem anan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Wodidi wiei no, akyi mporoporowa a wɔtasee no yɛɛ nkɛntɛn ason. 39 Eyi akyi na Yesu gyaa nkurɔfo no kwan, maa ɔno nso kɔtenaa ɔkorow mu twa kɔɔ Magadan.