15
Yesu Gyina Pilato Anim
Ade kyee anɔpatutuutu no, asɔfo mpanyin, Yudafo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne agyinatufo hyia dwenee ɔkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
Wɔde no duu hɔ no, Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?”
Yesu buae se, “Mo na muse.”
Asɔfo mpanyin no kaa nsɛm akɛseakɛse guu no so, nanso wanka hwee. Pilato bisaa no bio se, “Enti nsɛm akɛseakɛse a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”
Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa.
Na ɛyɛ Pilato amanne sɛ, afe biara ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no ma wɔn no wɔ Twam Afahyɛ mu. Saa afe no na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ. Dɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no se, onyi odeduani baako mma wɔn sɛnea daa ɔyɛ no.
Pilato bisae se, “Minyi ‘Yudafo Hene’ no mma mo ana?” 10 Efisɛ na wahu sɛ asɔfo mpanyin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so esiane din a na wagye no nti. 11 Nanso asɔfo mpanyin no tuu dɔm no aso se, sɛ wɔde beyi Yesu de, wɔmpere mma wonyi Baraba.
12 Enti Pilato bisaa wɔn se, “Na sɛ miyi Baraba ma mo a, dɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo hene no?”
13 Wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu!”
14 Pilato bisaa wɔn bio se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”
Wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Bɔ no asennua mu!”
15 Afei Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a, ɛrenyɛ ye. Bio, na osuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba nti, ogyaa Baraba maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn se wɔnkɔbɔ no asennua mu.
Yesu Ho Fɛwdi
16 Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo no nyinaa baa hɔ. 17 Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nsɔe atenten bi nwenee kyɛw hyɛɛ no. 18 Wofii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo hene, wo nkwa so!” 19 Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasu guu no so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw. 20 Wodii ne ho fɛw wiee no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ no, na wɔde ɔno ara nʼatade hyɛɛ no, de no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.
Wɔbɔ Yesu Asennua Mu
21 Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no. 22 Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota, a ne nkyerɛase ne Nitiri so, hɔ. 23 Ɛhɔ na wɔmaa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom, nanso wannom. 24 Afei wɔbɔɔ no asennua mu. Eyi akyi, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto.
25 Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asennua mu. 26 Asɛm bi a wɔka too no so na wɔkyerɛw taree nʼasennua no atifi ka se,
“YUDAFO HENE NO NI.”
27 Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, na ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 28 Eyi maa nea Kyerɛwsɛm no kae se, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfo mu” no baa mu. 29 Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosow wɔn ti, dii ne ho fɛw se, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na wuse wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? 30 Sɛ wuse wo ho yɛ nwonwa a, ɛno de sian fi asennua no so si fam.” 31 Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw se, “Ogye afoforo nanso ontumi nnye ne ho!” 32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu no mpo dii ne ho fɛw bi.
Yesu Wu
33 Efi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa. 34 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”
35 Wɔn a wogyina hɔ no bi a wɔtee nea ɔkae no kae se, “Muntie sɛ ɔrefrɛ Elia.”
36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam ana!”
37 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu bio, na ogyaa ne honhom mu wui.
38 Ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam.* 39 Asraafo ha so panyin a na ogyina hɔ no huu ɔkwan a Yesu faa so wui no, ɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”
40 Saa bere no na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria (a ɔyɛ Yakobo Kumaa ne Yosef na), ne Salome. 41 Bere a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmea yi dii nʼakyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wodii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.
Yesu Sie
42 Eduu anwummere no, esiane sɛ na ade kye a ɛyɛ Homeda no nti, 43 baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no. 44 Bere a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. 45 Asraafo panyin no kae se wawu no, Pilato maa Yosef kwan se ɔnkɔfa amu no. 46 Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no fii asennua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano. 47 Na Maria Magdalene ne Yosef ne na Maria wɔ hɔ bi, na wohuu faako a wɔde Yesu amu no toe.
* 15:38 Ntwamtam no twa Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no mu (2 Mose 26.31-35). Ntwamtam no mu tew a ɛtewee no kyerɛ sɛ Kristo kɔ ɔsoro ma yɛn sɛnea ɛbɛma yɛn nso yɛapue wɔ Onyankopɔn anim. 15:42 Na ɛyɛ Fida a saa bere no na owigyinae atwa mu na ɛho hia yiye sɛ woyi Yesu amu no fi asennua no so ansa na onwini adwo na ama wɔafi Homeda no ase.