14
Wɔbɔɔ Yesu Ho Pɔw
Aka nnaanu na Twam* ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no. Nanso wɔkae se, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania
Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim.
Nea ɔbea yi yɛe no anyɛ nnipa a wɔte adidii no mu bi dɛ. Na wɔkae se wasɛe ngo no kwa. Wɔkaa bio nso se, “Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi anya sika pii na wɔde ama ahiafo.”
Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnyaa no! Adɛn nti na morehaw no wɔ ade pa a ɔyɛe no ho? Mo ne ahiafo a mubetumi aboa wɔn bere biara mu na ɛte. Na me de, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn. Wayɛ nea obetumi. Wadi kan asra me nipadua ama da a wobesie me. Mereka akyerɛ mo se, baabiara a wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase no, wɔde nea ɔbea yi yɛe no bɛkae no akamfo no.”
Yuda Pene So Sɛ Obeyi Yesu Ama
10 Afei Yuda Iskariot, asuafo dumien no mu baako, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛnea obeyi Yesu ama wɔn no ho. 11 Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan, ayi no ama bere a ɛsɛ mu.
Yesu Ne Nʼasuafo Adidi A Etwa To
12 Apiti Afahyɛ no da a edi kan a wokum Twam Afahyɛ guan no, nʼasuafo bisaa no faako a wɔbɛkɔ akodi Twam Afahyɛ no.
13 Ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem se wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kurow no mu a, mubehyia onipa bi a ɔso ahina. Munni nʼakyi. 14  Baabiara a obewura no, monka nkyerɛ ofiwura no se, ‘Yɛn wura asoma yɛn se, yɛmmɛhwɛ dan a wɔasiesie ama yɛn a yebedi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’ 15  Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”
16 Asuafo baanu no sii mu kɔɔ kurow no mu, na wohuu biribiara sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wosiesiee Twam no wɔ hɔ.
17 Eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. 18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae se, “Merema mo ate ase sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako beyi me ama.”
19 Wɔn nyinaa werɛ howee, na wofii ase bisaa mmaako mmaako se, “Ɛyɛ me ana?”
20 Obuaa wɔn se, “Ɛyɛ mo dumien a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako. 21  Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye!”
Adidi Kronkron Abɔse
22 Bere a wɔredidi no, Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae se, “Munnye nni; eyi ne me nipadua.”
23 Afei ɔfaa kuruwa a nsa wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den a bebree nti wɔrehwie agu. 25  Mereka akyerɛ mo se, merennom saa nsa yi bio da akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”
26 Wɔtoo dwom wiee no, wofii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
Yesu Hyɛ Pa A Petro Bɛpaw No No Ho Nkɔm
27 Woduu nea wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa beguan agya me.” Efisɛ Onyankopɔn nam adiyifo no so kae se,
“ ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no,
na nguan no abɔ apete.’
28  Na sɛ miwu sɔre a, medi mo anim akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.”
29 Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da!”
30 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Petro, nokware, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”
31 Petro de anibere kae se, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kae.
Yesu Bɔ Mpae Wɔ Getsemane
32 Yesu ne nʼasuafo no duu faako a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Montena ha, na merekɔbɔ mpae aba.” 33 Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase yeraw no, na ɔyɛɛ basaa. 34 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”
35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kobutuw fam, bɔɔ mpae se, sɛ ebetumi a, saa ahoyeraw no ntwa ne ho nkɔ. 36 Ɔkae se, “Abba, Agya! Wutumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”
37 Ɔsan bae no, obehuu asuafo baasa no sɛ wɔadeda. Obisaa Petro se, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo? 38  Monwɛn na mommɔ mpae na ɔsɔhwɛfo no anni mo so. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.”
39 Ɔsan kɔɔ bio kɔbɔɔ mpae koro no ara. 40 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu sɛ wɔadeda, efisɛ na wɔabrɛbrɛ. Na wonhu nea wɔnka nkyerɛ no.
41 Ɔsan baa ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se. “Moda so adeda a morehome? Bere a ɛsɛ sɛ mode da no atwa mu. Wɔrebeyi me ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. 42  Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”
Wɔkyere Yesu
43 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafo no mu baako ne dɔm a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin asoma wɔn ka ne ho a, wokurakura mfoa ne nkontimmaa baa hɔ.
44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dedaw se, “Nea mefew nʼafono no; ɔno ne nea morehwehwɛ no no. Monkyere no, na munso ne mu yiye mfa no nkɔ.” 45 Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkae se, “Me Wura.” Afei ofew nʼafono, yɛɛ no atuu. 46 Ɛhɔ ara, na dɔm a wɔne Yuda nam no soo Yesu mu kyeree no. 47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso ma ɛtewee.
48 Yesu bisaa wɔn se, “Meyɛ owudifo nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so rebɛkyere me ana? 49  Adɛn na bere a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankyere me? Nanso eyinom nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.” 50 Asuafo no nyinaa guan gyaa no.
51 Aberante bi a ɔde nwera akata nʼadagyaw so dii nʼakyi. 52 Dɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ogyaw ne ntama no maa wɔn, de ne ho saa ara guanee.
Yesu Gyina Ɔsɔfopanyin Anim
53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanyin no anim no, ankyɛ na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi behyiaa hɔ. 54 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu.
55 Asɔfo mpanyin ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wobenya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso wɔannya bi. 56 Nnipa pii bedii adansekurum tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaa no bɔɔ abira.
57 Afei nnipa no bi kekaa nsɛm a enni mu too ne so se, 58 “Yɛtee sɛ ɔkae se, ‘Mebubu asɔredan a wɔde nsa na esii no, na mede nnansa asi foforo a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59 Na eyi mpo, wɔn adanse no anhyia.
60 Ɔsɔfopanyin no sɔre gyinaa bagua no mfimfini bisaa Yesu se, “Eyi nso, wunni ho anoyi biara? Dɛn na wowɔ ka?”
61 Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanyin no bisaa no bio se, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no ana?”
62 Yesu buaa no se, “Mene no, na mubehu me sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resan aba asase so.”
63 Eyi maa Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu kae se, “Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no. Dɛn na mowɔ ka?”
Wɔn nyinaa gye too mu se, ɔsɛ owu. 65 Na ebinom tee ntasu guu no so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no se “Wuse woyɛ odiyifo, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfo a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotɔre.
Petro Pa Yesu
66 Bere a na Petro te adiwo hɔ no, Ɔsɔfopanyin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67 na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no se, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!”
68 Petro sanee se, “Minnim nea woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ofii adi kɔtenaa ɔkwan no ano baabi. Saa bere no na akokɔ bɔn nea edi kan.
69 Abaawa no san huu no wɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no se, “Oyi nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako!”
70 Petro san bio. Ɛkyɛe kakra no, nnipa a wogyina ogya no ho no fii ase ka kyerɛɛ Petro se, “Woka wɔn ho, efisɛ woyɛ Galileani!”
71 Petro fii ase kekaa ntam, dii nsew se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”
72 Mpofirim, na akokɔ bɔn nea ɛto so abien. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii ase sui.
* 14:1 Ɛyɛ afahyɛ bi a wɔde kae bere a Awurade bɔfo betwaa mu faa Hebrifo anim na okunkum wɔn abakan sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraimfo afi mu no. (Hwɛ 2 Mose 12.11) 14:70 Petro kasa na ɛdaa no adi sɛ ɔyɛ Galileani na kɔ a ɔkɔtɔɔ Yudafo mu wɔ adiwo hɔ no na ɛma wohuu sɛ ɔyɛ Yesu akyidini.