16
Yesu Asɔre
Ade kyee a Homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo na Maria kɔtɔɔ nnuhuam se wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no. Da a edi nnaawɔtwe no kan anɔpahema no, ansa na owia bepue no, wɔde nnuhuam no baa ɔda no so. Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, na wɔredwene nea ɛbɛyɛ a wobepirew ɔbo no afi ɔda no ano no ho.
Nanso wɔreyɛ adu hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hui sɛ, obi apirew ɔbo kɛse no afi ɔda no ano. Wɔkɔɔ ɔda no mu kohuu aberante bi sɛ ɔhyɛ atade fitaa te nifa so hɔ. Wohuu no no, wɔbɔɔ piriw.
Nanso aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no na morehwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no too hɔ! Afei monkɔ na monkɔka eyi nkyerɛ nʼasuafo no ne Petro se, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ”
Mmea no de hu ne ahopopo guan fii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.
Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Maria Magdalene
Kwasida anɔpa na Yesu sɔre fii awufo mu. Onipa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no kan ne Maria Magdalene, ɔbea a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no. 10 Maria Magdalene kɔɔ asuafo no nkyɛn kohuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahow, na wɔresu. 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, wahu Yesu na ɔte ase. Nanso wɔannye no anni.
Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Asuafo Baanu
12 Akyiri no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam fi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wohuu no no, mfiase no, wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno, efisɛ na wasakra. 13 Akyiri no a wohuu onipa ko a ɔyɛ no, wotuu mmirika san baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkae no, nanso obiara annye wɔn anni.
14 Akyiri no a asuafo dubaako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidi a wonni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho.
Asomafo No Asɛmpaka
15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. 16  Na obiara a ogye di na wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no fɔ. 17  Saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye me di no akyi. Wɔde me din betu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforo. 18  Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”
Yesu Sorokɔ
19 Awurade Yesu ne wɔn kasa wiee akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so. 20 Eyi akyi no, asuafo no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkae no mu den.