10
Yehu Kunkum Ahab Fifo
Na Ahab wɔ mmabarima aduɔson a wɔtete Samaria.* Na Yehu kyerɛw krataa, kyekyɛ maa kurow no mpanyimfo, ntuanofo ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmabarima no so no. Na krataa no ka se, “Ɔhene mmabarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, munyi ɔhene Ahab mmabarima no mu nea ɔfata a ɔwɔ mu no, na munsi no mo so hene, na munsiesie mo ho nko mma Ahab fi.”
Nanso wɔbɔɔ huboa kae se, “Ahemfo baanu mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na dɛn na yebetumi ayɛ?”
Enti mpanyimfo a wɔhwɛ ahemfi hɔ ne kurow no so ne ntuanofo ahorow no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmabarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu se, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea wususuw sɛ eye biara no, yɛ.”
Yehu kyerɛw krataa a ɛto so abien de buae se, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mubetie mʼasɛm de a, ɔkyena sesɛɛ mmere mu, momfa ɔhene no mmabarima ti mmrɛ me wɔ Yesreel.”
Na Samaria ntuanofo bi na wɔhwɛ ɔhene mmabarima aduɔson no so a wɔatetew wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ. Krataa no duu ara pɛ, na ntuanofo no kunkum ɔhene no mmabarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn ti no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel. Ɔbɔfo kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔde ɔhene mmabarima no ti no aba.” Enti Yehu hyɛe se, “Mommoaboa ano akuw abien wɔ kurow no pon ano, na munnyaw hɔ nkosi adekyee.”
Ade kyee no, ɔkɔkasa kyerɛɛ dɔm a wɔahyia hɔ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo sobo. Me na mebɔɔ pɔw, de tiaa me wura, nam so kum no. Na hena na okunkum eyinom? 10 Nea ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a efi Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fi ho no ba mu. Awurade nam ne somfo Elia so daa no adi sɛ eyi bɛba mu.” 11 Na Yehu kunkum Ahab abusuafo a wɔtete Yesreel no ne ne mpanyimfo atitiriw ne nnamfonom ne nʼakɔmfo nyinaa. Enti anka Ahab aseni biara.
12 Na Yehu fii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nguanhwɛfo ahɔhodan mu. 13 Ohyiaa Yudahene Ahasia abusuafo bi. Obisae se, “Moyɛ hefo?”
Wobuae se, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafo. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmabarima ne ɔhemmea no.”
14 Yehu teɛɛ mu, ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan abien no nyinaa kunkum wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wannyaw wɔn mu biara.
15 Bere a Yehu fii hɔ no, ohyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebehyia no. Wokyiakyiaa wɔn ho wiei no, Yehu bisaa no se, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛnea mewɔ wo ho adwene pa no ana?”
Yehonadab buae se, “Yiw.”
Yehu toaa so se, “Sɛ ɛte saa de a, kyia me.” Yehonadab teɛɛ ne nsa ma Yehu kyiaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. 16 Na Yehu kae se, “Afei, wo ne me nkɔ, na hu sɛnea mede me ho ama Awurade no.” Enti Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔe.
17 Bere a Yehu duu Samaria no, okunkum Ahab fifo a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛnea Awurade nam Elia so hyɛe no.
Yehu Kum Baal Akɔmfo
18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn se, “Ahab som Baal kakra; Yehu bɛsom no yiye. 19 Momfrɛ Baal adiyifo, asomfo ne nʼakɔmfo nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, efisɛ merebɛbɔ Baal afɔre kɛse. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wobekum no.” Na Yehu redaadaa wɔn, sɛnea ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.
20 Afei, Yehu hyɛe se, “Munhyia, mmɔ gua anibere so, na monsɔre Baal!” Enti wɔyɛɛ saa. 21 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfi§ hɔ ma tɔ, fi ti kosi ti. 22 Na Yehu hyɛɛ nea ɔhwɛ ntadedaka no so no se, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.
23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfi hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfo no se, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfo no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.” 24 Enti na wɔn nyinaa wɔ abosomfi hɔ rekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre. Yehu de nʼasraafo aduɔwɔtwe twaa ɔdan no ho hyiae, hyɛɛ wɔn se, “Sɛ moma obi guan a, mo ara mode mo nkwa betwa so.”
25 Yehu wiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfo ne ne mpanyimfo no se, “Munkokunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nguan!” Enti wɔde wɔn afoa kunkum wɔn nyinaa. Na awɛmfo no ne mpanyimfo no twee wɔn amu no beguu abɔnten. Yehu asraafo no kɔɔ Baal abosomfi no aban mu. 26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27 Wobubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfi no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfo agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de besi nnɛ.
28 Yehu nam saa ɔkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. 29 Nanso Yehu ansɛe sika nantwimma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no; wantwe ne ho amfi bɔne kɛse a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no ho.
30 Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu se, “Woayɛ ade sɛ wutiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fifo. Ne saa nti, mɛma wʼasefo adi ahene wɔ Israel, akosi awo ntoatoaso anan so.” 31 Nanso Yehu amfa ne koma anni Awurade, Israel Nyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Yeroboam dii Israelfo anim, ma wɔyɛɛ no ho.
Yehu Wu
32 Saa mmere no, Awurade fii ase tew Israel asase no kɛse so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so 33 wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Gilead nyinaa, a Gad, Ruben ne Manase ka ho. Odii asase a efi Aroer kurow a ɛda Arnon Subon ho, de kosi atifi fam wɔ Gilead ne Basan.
34 Na Yehu ahenni mu nsɛm a esisii, ne dwuma ahorow a odii ne nea otumi yɛe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
35 Bere a Yehu wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na odii nʼade sɛ ɔhene. 36 Nna a Yehu de dii Israel so wɔ Samaria no yɛ mfe aduonu awotwe.
* 10:1 Na Samaria yɛ Atifi Ahemman no kuropɔn fi Ɔhene Omri bere so (1 Ah 16.24). 10:4 Ahemfo baanu a wɔreka wɔn ho asɛm yi yɛ Yoram ne Ahasia (9.22-28). 10:15 Na Rekabfo no yɛ Rekab asefo a na wɔda so te ase wɔ Yeremia bere so (Yer 35.6,8). Na wɔpɛ sɛ wɔbɛn Awurade yiye. Na wodi atutena. Na wɔyɛ Kenifo a Yetro a na ɔyɛ Mose agya nsiananmu ase fi wɔn mu. § 10:21 Ahab na osii Baal abosomfi no (1 Ah 16.32).