11
Atalia Di Yudahene
Bere a Yudahene Ahasia, ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkɔe sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. Nanso Ahasia nuabea Yehoseba* a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no fii ɔhene no mma a anka wɔrebekunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne gyigyefo kohintaw pia bi mu, sɛnea Atalia renhu no. Ɛno nti, wɔannya abofra no ankum no. Yoas ne nea ogyigye no no hintaw wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.
Atuatew A Etia Atalia
Atalia adedi mfe ason mu no, ɔsɔfo Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifo asraafo apaafo ne awɛmfo baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛe, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wobedi nokware wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.
Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfi no. Nkyɛmu abiɛsa mu baako nso, nwɛn wɔ Sur pon no ano. Na nkyɛmu abiɛsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfi no akyi. Saa akuw abiɛsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfi no. Akuw abien a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn Awurade asɔredan no ama ɔhene no. Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.”
Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafo a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfo Yehoiada anim. 10 Ɔmaa wɔn mpeaw ne nkatabo a na bere bi ɛyɛ ɔhene Dawid de a na wɔakora wɔ Awurade asɔredan mu hɔ no. 11 Awɛmfo no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiae a wokurakura wɔn akode. Wɔsaa so tee fii asɔredan no anafo fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔremuka no ho nyinaa.
12 Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pue hyɛɛ no ahenkyɛw. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛso no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”
Atalia Wu
13 Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfo no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so. 14 Ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛnea amanne kyerɛ wɔ ahensi mu no. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wofi asase no so mmaa nyinaa redi ahurusi rehyɛn torobɛnto. Bere a Atalia huu eyinom nyinaa no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu sɛ, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!”
15 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no sɛ, “Momfa no mfi asɔredan mu ha, na munkum obiara a ɔpɛ sɛ ogye no. Munnkum no wɔ Awurade asɔredan mu ha.” 16 Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ.
Yehoiada Gyidisom Mu Nsakrae
17 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfo. Ɔsan yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam. 18 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kobubu guu fam. Wobubuu afɔremuka ne ahoni ahorow no nyinaa asinasin, kum Baal kɔmfo Matan nso wɔ afɔremuka no anim. Ɔsɔfo Yehoiada maa awɛmfo wɛn Awurade asɔredan no. 19 Na asahene, Karifo asraafo apaafo, awɛmfo no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfo no pon no ano, kɔɔ ahemfi hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahengua no so. 20 Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa kuropɔn no mu, efisɛ wɔakum Atalia wɔ ahemfi.
21 Yoas bedii ade no, na wadi mfirihyia ason.
* 11:2 Ɛsono Yehoseba ne na na ɛsono Atalia nso ne na. Na Yehoseba yɛ Ɔsɔfopanyin Yehoia yere (2 Be 22.11). Ɛno nti na otumi de Yoas siee Asɔredan mu a na ɛyɛ ɔsɔfo no pia mu no. 11:2 Na Yoas nnii afe nti na wontwaa no nufu ɛ (nkyekyɛmu 31; 12.1). 11:4 Na Karifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa a wofi Asia Kumaa mu. Wɔn na wobesii Keritifo anan wɔ Dawid bere so (2 Sam 8.18).