9
Wosi Yehu Israelhene
Na odiyifo Elisa afrɛ adiyifo no mu baako afi adiyifokuw no mu. Ɔka kyerɛɛ no se, “Siesie wo ho, na kɔ Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo wɔ mu yi ka wo ho kɔ. Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena no. Frɛ no fi ne nnamfo mu, na fa no kɔ pia mu, na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Meresra wo ngo, ama woabedi Israel so hene.’ Afei, bue ɔpon no na guan, nsɛe bere!”
Enti odiyifo kumaa no kɔɔ Ramot-Gilead. Oduu hɔ no, ohuu Yehu sɛ ɔne asraafo mpanyimfo bi reyɛ nhyiamu. Ɔkae se, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.”
Yehu bisae se, “Yɛn mu hena?”
Obuae se, “Wo a woyɛ ɔsahene no.”
Enti Yehu gyaw wɔn a aka no hɔ, kɔɔ fie. Na odiyifo kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kae se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Mesra wo ngo sɛ di Awurade nkurɔfo Israelfo so hene. Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura no, fi. Saa ɔkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifo a wokunkum wɔn ne Awurade asomfo no nyinaa a Isebel kunkum wɔn no so ka. Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahabfifo nyinaa fi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfo ne nea ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel. Mɛsɛe Ahab fi, sɛnea mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi no. 10 Na akraman bɛwe Isebel nam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifo kumaa no buee pon no, tuu mmirika guanee.
11 Yehu san kɔɔ ne nkurɔfo mpanyimfo no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no se, “Dɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara kɔ yiye ana?” Yehu buae se, “Wo ara wunim sɛnea ɔbarima no keka ne nsɛm fa.”
12 Wɔn nyinaa kae se, “Woboa. Ka nokware.” Enti Yehu kae se, odiyifo no ayi akyerɛ no se Awurade asra no ngo sɛ ommedi Israel so hene.
13 Wɔde wɔn ntade sesɛw atrapoe no so ntɛm ara, hyɛn torobɛnto, teɛteɛɛ mu se, “Yehu yɛ ɔhene.”
Yehu Kum Yoram Ne Ahasia
14 Enti Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena pam ɔhene Yoram ti so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ asraafo wɔ Ramot-Gilead a na wogyina de tia Aramhene Hasael asraafo no. 15 Nanso na wɔapira Yoram wɔ ɔko no mu, ama wasan aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa ne ho yare. Enti Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Esiane sɛ mopɛ sɛ midi hene no nti, obiara nnguan nkɔ Yesreel nkɔka nea yɛayɛ wɔ hɔ no.” 16 Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da hɔ no. Na Yudahene Ahasia nso wɔ hɔ bi.
17 Ɔwɛmfo a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no huu Yehu ne ne nkurɔfo sɛ wɔreba nti, ɔteɛɛ mu guu Yoram so se, “Mihu sɛ asraafo reba. Soma ɔpɔnkɔkafo bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoe so ana.” Ɔhene Yoram nso teɛɛ mu.
18 Enti ɔpɔnkɔkafo no kohyiaa Yehu bisaa no se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?”
Yehu buae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn? Di mʼakyi!”
Ɔwɛmfo no frɛɛ ɔhene se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔmma.”
19 Enti ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafo a ɔto so abien. Okoduu wɔn nkyɛn bisae se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Bio, Yehu bisae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn Di mʼakyi!”
20 Ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.”
21 Ɔhene Yoram hyɛe se, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kohyiaa Yehu. Wohyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so. 22 Ɔhene Yoram bisae se, “Wobaa no asomdwoe so ana, Yehu?”
Yehu buae se, “Mpɛn dodow a wo na Isebel abosom ne ne bayi atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoe so?”
23 Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no hama, de dan ɔpɔnkɔ no ani, guanee a ɔreteɛteɛ mu se, “Ɔmammɔfo Ahasia!”
24 Na Yehu twee nʼagyan tow wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwirew ne koma mu ma ɔtew hwee wɔ ne teaseɛnam no mu, wui. 25 Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar se, “Tow no kyene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae bere a na yɛtete nteaseɛnam mu, di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kae se, 26 ‘Meka ntam, di nsew sɛ, metua no so ka wɔ Nabot agyapade mu ha, sɛnea Awurade se ni,’ sɛ okum Nabot ne ne mmabarima nnɛra a mihuu no. Enti tow no kyene Nabot asase so ha, sɛnea Awurade kae no.”
27 Bere a Yudahene Ahasia huu asɛm a asi no, oguan kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teɛteɛɛ mu se, “Munkum ɔno nso bi.” Enti wɔtow Ahasia agyan wɔɔ no wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur atrapoe a ɛbɛn Yibleam. Otumi kɔe ara koduu Megido, na owui wɔ hɔ. 28 Ne mpanyimfo de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem kosiee no wɔ ne mpanyimfo ho wɔ Dawid kurom. 29 Na Ahasia dii ade wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi ade mfe dubaako.
Isebel Wu
30 Bere a ɔhemmea Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛw mfɛnsere mu. 31 Bere a Yehu wuraa ahemfi pon no mu no, ɔhemmea no teɛɛ mu guu ne so se, “Owudifo, wobaa no asomdwoe so ana? Wote sɛ Simri a okum ne wura no.”
32 Yehu pagyaw nʼani huu no wɔ mfɛnsere no mu teɛɛ mu se, “Hena na ɔwɔ mʼafa!” Na piamfo baanu anaa baasa hwɛɛ no. 33 Yehu teɛɛ mu se, “Montow no nkyene fam.” Enti wɔtow no fii mfɛnsere no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasu no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so.
34 Na Yehu kɔɔ ahemfi hɔ kodidi, nomee. Akyiri no, ɔkae se, “Monkɔ nkosie ɔbea a wɔadome no yi, efisɛ ɔyɛ ɔhene babea.” 35 Nanso wɔkɔɔ sɛ wɔrekosie no no, ne ti ne nan ne ne nsa nko ara na wohui.
36 Bere a wɔbɛbɔɔ Yehu amanneɛ no, ɔkae se, “Eyi ne Awurade asɛm a ɔnam ne somfo Tisbini Elia so kae se, ‘Asasetam bi a ɛda Yesreel no so na akraman bɛwe Isebel nam no. 37 Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel pɔw mu a ne saa nti, obiara ntumi nhu no.’ ”