6
Wɔfa Yeriko
Wɔtotoo Yeriko apon mu papee, efisɛ na wosuro Israelfo no. Wɔamma obiara kwan ma wankɔ mu anaa wamfi adi.
Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Mede Yeriko, ɛhɔ hene ne ɛhɔ akofo nyinaa ahyɛ wo nsa. Ma wo nsraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkoro da biara nnansia. Asɔfo baason a wokurakura adwennini mmɛn abɛn bedi Adaka no anim. Da a ɛto so ason no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mpɛn ason, a asɔfo no rehyɛn mmɛn no. Sɛ mote sɛ asɔfo no hyɛn mmɛn no denneennen ma ɛkyɛ a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasu nyinaa bedwiriw agu fam, na nnipa no betumi atow ahyɛ kuropɔn no so.”
Na Yosua frɛɛ asɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa Apam Adaka no na mo mu baason nni anim a wokurakura mmɛn.” Enti, ɔhyɛɛ nnipa no se, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wokurakura akode no bedi Awurade adaka no anim.”
Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wiei no, asɔfo baason a wokurakura mmɛn no fii ase bɔɔ nsra wɔ Awurade anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no dii wɔn akyi. Wɔn a wokurakura akode no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfo no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wɔso Adaka no akyi, bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no. 10 Yosua hyɛe se, “Monnteɛ mu na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfi mo anum, kosi sɛ mɛka akyerɛ mo se monteɛ mu na moateɛ mu.” 11 Enti, da no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho pɛnkoro. Na afei obiara san kɔɔ atenae hɔ kɔhomee anadwo no.
12 Ade kyee no Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa Awurade Adaka no bio. 13 Asɔfo baason a wokurakura adwennimmɛn mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim, a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wokurakura akode no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wokurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa bere no nyinaa na asɔfo no rehyɛn wɔn mmɛn no. 14 Da a ɛto so abien no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ atenae hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia.
15 Da a ɛto so ason no, Israelfo no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiae, sɛnea wɔayɛ dedaw no. Nanso, saa bere yi de, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mpɛn ason. 16 Ne mpɛn ason so no, bere a asɔfo no hyɛn wɔn mmɛn denneennen ma ɛkyɛe no, Yosua hyɛɛ ɔmanfo no se, “Monteɛteɛ mu! Na Awurade de kuropɔn no ama mo! 17 Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔde ma Awurade. Oguamanfo Rahab ne ne fifo nko na ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn, efisɛ ɔbɔɔ akwansrafo no ho ban. 18 Mommmfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa. 19 Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ no yɛ kronkron ma Awurade, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekorabea hɔ.”
20 Bere a nnipa no tee mmɛn no nnyigyei no, wɔteɛteɛɛ mu denneennen sɛnea wobetumi. Prɛko pɛ Yeriko afasu no dwiriw guu fam maa Israelfo no fi afanan nyinaa tow hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfae. 21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi, nguan, mfurum ne biribiara.
22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafo baanu no se, “Munni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ oguamanfo no fi na monkɔfa no ne nʼabusuafo nyinaa mmra.” 23 Mmerante no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne na, ne nuabarimanom ne abusuafo a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa bae. Wɔde abusuafo no nyinaa kosiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfo atenae.
24 Afei, Israelfo no hyew kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhyew no yɛ nea wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ. Wɔde ne nyinaa kosiee Awurade fi adekoradan mu. 25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka oguamanfo Rahab ne nʼabusuafo a na wɔka ne ho wɔ fie no, efisɛ ɔde akwansrafo a Yosua somaa wɔn Yeriko no siei. Enti ɔte Israelfo mu besi nnɛ.
26 Saa bere no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio.
“Ɔde nʼabakan na ebefi ase,
na ɔde nʼakumaa na ebesisi ano apon.”
27 Na Awurade kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.