7
Ai Di Israel So Nkonim
Nanso Israel anni nokware wɔ nneɛma a wogyaw maa Awurade no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti Awurade bo fuw Israelfo no yiye. Akan yɛ Karmi a ɔyɛ Simri a na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuw mu no babarima.
Yosua somaa ne nnipa no bi fi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apuei a ɛbɛn Bet-Awen no.
Wɔsan bae no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua se, “Kurow no sua nti, ɛrenhia nnipa mpennu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.” Enti wɔde akofo bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ, nanso wodii Israelfo no so pasaa. Ai mmarima taa Israelfo no fi kuropɔn no pon ano kosii Sebarim, na wokunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia a na wɔreguan afi akono wɔ asiansian bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfo no ma wɔbotowee.
Yosua ne ɔman ntuanofo no de abasamtu tetew wɔn ntade mu, tow mfutuma guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kosii anwummere. Afei, Yosua su frɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wunim sɛ Amorifo no bekunkum yɛn? Sɛ yenim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara. Awurade, mprempren a Israelfo aguan afi wɔn atamfo anim yi, asɛm bɛn na menka? Na sɛ Kanaanfo ne nnipa a wɔaka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wobetwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn afi asase yi so. Na afei dɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛse a ekura anuonyam no?”
10 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Sɔre! Adɛn nti na wode wʼanim abutuw hɔ saa? 11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. 12 Ɛno nti na Israelfo adi nkogu na wɔreguan afi wɔn atamfo anim. Mprempren de, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛe. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no.
13 “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara nkodwira ne ho mma ɔkyena, na saa na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wogyaw ma Awurade no ahintaw mo mu. Morentumi nni mo atamfo so da kosi sɛ muyi saa nneɛma no fi mo mu.
14 “ ‘Adekyee mu no, abusuakuw biara bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuakuw a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuw no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na Awurade bɛkyerɛ ofi a ne ho wɔ asɛm no. Awiei no, ofi a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako. 15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔbɛhyew no ne nʼagyapade nyinaa, efisɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ nea ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ”
Akan Bɔne
16 Ade kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuw no baa Awurade anim, na woyii Yuda abusuakuw no. 17 Afei Yuda mmusuaban baa anim, na woyii Serafo. Afei Serafo nyinaa baa Awurade anim, na woyii Simrifo. 18 Na Simrifo baa mmaako mmaako na woyii Akan, Karmi ba.
19 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan se, “Me ba, fa anuonyam ma Awurade, Israel Nyankopɔn, na ka nokware. Ka wo bɔne ne nea wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”
20 Akan buae se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Nyankopɔn. 21 Mihuu atade nguguso fɛfɛ bi a wɔkra fii Babilonia,* dwetɛ kilogram abien ne fa ne sikakɔkɔɔ pema baako a ano si gram ahannum ne aduoson (570). Mʼani beree, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntamadan mu, na dwetɛ no de, ɛhyɛ fam kyɛn nkae no.”
22 Enti Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wotutuu mmirika kɔɔ ntamadan no mu kohuu awifode no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛnea Akan kae no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn. 23 Wɔtasee nneɛma no fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ Awurade anim.
24 Afei, Yosua ne Israelfo no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atade nguguso no, sikakɔkɔɔ pema no, ne mmabarima, ne mmabea, nʼanantwi, ne mfurum, ne nguan, ne ntamadan ne nʼagyapade nyinaa na wɔde no baa Akora bon mu. 25 Yosua bisaa Akan se, “Adɛn nti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, Awurade de ɔhaw bɛbrɛ wo.”
Na Israelfo nyinaa siw Akan ne nʼabusuafo abo, hyew wɔn amu no. 26 Wɔsoaa abo guu Akan funu so hɔree no siw a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. Enti na wɔafrɛ saa beae hɔ Ɔhaw Bon no. Afei, Awurade bo dwoe.
* 7:21 Hebri mu no, Babilon yɛ Sinar.