5
Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan ayow wɔ Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn.
Israelfo San Yɛ Apam No Ho Amanne
Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Yɛ kyerɛwbo asekan na fa twa Israelfo no twetia bio.” Enti, Yosua yɛɛ kyerɛwbo asekan no de twitwaa Israelfo nyinaa twetia wɔ Aaralot koko so.
Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, efisɛ mmarima a na wɔanyinyin a wotumi ko bere a wofii Misraim no nyinaa awuwu wɔ sare no so. Nnipa a wotu fii Misraim bae no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia, nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ sare no so wɔ akwantu bere no mu no de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ. Israelfo no kyinkyinii wɔ sare no so mfe aduanan kosii sɛ mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn ani nhu asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no. Enti Yosua twitwaa wɔn mmabarima a wontwaa wɔn twetia no twetia bere a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Eyinom yɛ wɔn a na wɔanyinyin a wotumi si wɔn agyanom anan mu no. Otwaa mmarima no nyinaa twetia wiei no, wogyee wɔn ahome wɔ atenae hɔ kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguase no afi mo so.” Ɛno nti, wɔfrɛ beae hɔ Gilgal de besi nnɛ.
10 Bere a Israelfo no wɔ Gilgal atenae hɔ wɔ Yeriko asase pradada no so no, wodii Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Saa ɔsram no na wɔde kae bere a wotu fii Misraim no. 11 Da no ara, wofii ase dii apiti ne aburow a wɔatoto a wotwa fii asase no so. 12 Mana amma da no na wɔanhu bi nso bio. Enti, efi saa bere no, Israelfo no dii Kanaan asase no so nnɔbae.
Awurade Sahene Hyia Yosua
13 Bere a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn mu no, ɔpagyaw nʼani huu ɔbarima bi a okura afoa rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no se, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfo?”
14 Na ɔbarima no buaa se, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade nsraadɔm so safohene.” Yosua tee eyi no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ nidi mu na ɔkae se, “Kyerɛ me nea menyɛ, dɛn na wopɛ sɛ wo somfo yɛ?”
15  Awurade nsraadɔm safohene no buae se, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ nea ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.