4
Abo Dumien Nkaedum
Bere a ɔman no nyinaa twaa Yordan wiei no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Yiyi mmarima dumien fi ɔmanfo no mu a ɔbaako biara fi abusuakuw no bi mu, na ka kyerɛ wɔn se, wɔmfa abo dumien mfi Yordan mfimfini nifa so wɔ faako a na asɔfo no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmegu faako a mobɛtena anadwo yi.”
Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumien a oyii wɔn fii Israelfo no mu no a ɔbaako biara fi abusuakuw bi mu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munkodi Awurade, mo Nyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɔbo nto ne bati so sɛnea Israelfo mmusuakuw no dodow te, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo se, ‘Saa abo yi ase kyerɛ dɛn’ a, monka nkyerɛ wɔn se, Yordan gyaee sen, gyinae wɔ Awurade apam adaka no anim, bere a Awurade apam adaka no retwa Yordan asubɔnten no. Saa abo yi bɛyɛ nkae ade ama Israelfo daa nyinaa.”
Enti, mmarima no yɛɛ sɛnea Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa abo dumien fii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɔbo baako biara gyina hɔ ma abusuakuw baako, sɛnea Awurade hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ faako a wɔtenaa hɔ anadwo no na wosii nkaedum wɔ hɔ. Yosua nso de abo dumien sii nkaedum wɔ Yordan mfimfini wɔ faako a na asɔfo a wɔso apam Adaka no gyinae no. Ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.
10 Asɔfo a na wɔso adaka no gyinaa asu no mfimfini hɔ ara kosii sɛ wɔyɛɛ Awurade ahyɛde a ɔnam Mose so de maa Yosua no nyinaa. Saa bere no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asu no koduu ne konkɔn so. 11 Na bere a obiara duu asu no fa hɔ no, asɔfo no nso de Awurade adaka no twa kɔɔ hɔ bi. 12 Na akofo a wɔahyɛ wɔn akode a wofi Ruben abusuakuw mu, Gad abusuakuw mu ne Manase abusuakuw fa mu akofo no dii Israelfo no anim twaa Yordan sɛnea Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. 13 Saa akofo yi, na wɔn dodow bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wotwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ Awurade anim.
14 Saa da no, Awurade yɛɛ Yosua kɛse wɔ Israelfo no nyinaa anim; na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfo de obu ne nidi maa no sɛnea wɔde obu ne nidi maa Mose no.
15 Na Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, 16 “Hyɛ asɔfo a Awurade apam adaka no so wɔn no sɛ, womfi nsubon no mu hɔ mmra.” 17 Enti, Yosua hyɛɛ wɔn. 18 Na bere a asɔfo a wɔso Awurade apam adaka no fii nsubon no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan san ka sram so tɛnn te sɛ kan no.
19 Ɔsram a edi kan no da ɛto so du no nnipa no foro fii Yordan kɔbɔɔ atenae wɔ Gilgal, Yeriko apuei fam hye so. 20 Gilgal hɔ na Yosua boaa abo dumien a wɔde fi Asubɔnten Yordan mu bae no ano. 21 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Daakye bi mo mma bebisa se, ‘Saa abo yi kyerɛ dɛn?’ 22 Na mo nso moaka akyerɛ wɔn se, ‘Ɛha ne beae a Israelfo twaa Yordan wɔ asase wosee so no.’ 23  Awurade, mo Nyankopɔn, maa asu no yowee wɔ mo anim, na ɔkɔɔ so ma ɛyowee ara kosii sɛ mo nyinaa twae, sɛnea ɔyɛɛ Po Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no yowee ara kosii sɛ yɛn nyinaa twae. 24 Ɔyɛɛ eyi sɛnea aman a wɔwɔ wiase nyinaa behu Awurade tumi na mo nso moasuro Awurade, mo Nyankopɔn, daa nyinaa.”