3
Israelfo Twa Asubɔnten Yordan
Ade kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfo no nyinaa tu fii Sitim koduu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa. Nnansa akyi no, Israelfo ntuanofo no faa atenae hɔ nyinaa maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Awurade, mo Nyankopɔn Apam Adaka no a, munni wɔn akyi. Esiane sɛ momfaa ha da no nti, wɔbɛkyerɛ mo kwan. Momma ɔkwansin fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.”
Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Munnwira mo ho, efisɛ, ɔkyena Awurade bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.”
Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mompagyaw Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno nti wosii mu.
Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ, mefi ase ayɛ wo ɔkɛse wɔ Israelfo no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahu sɛ, meka wo ho sɛnea na meka Mose ho no. Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfo a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ mudu Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnantew nkɔ nsu no mu kakra na munnyina.’ ”
Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Mommra mmetie asɛm a Awurade, mo Nyankopɔn aka. 10 Nnɛ mubehu sɛ Onyankopɔn teasefo no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfo, Hetifo, Hewifo, Perisifo, Girgasifo, Amorifo ne Yebusifo. 11 Munnwen ho! Apam Adaka a ɛyɛ Awurade a asase nyinaa yɛ ne de no bedi mo anim de mo atwa Asubɔnten Yordan. 12 Afei, munyiyi nnipa dumien a ɔbaako biara fi mmusuakuw dumien no mu. 13 Asɔfo no bɛsoa Awurade a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si asu no mu ara pɛ, nsu no betwa afi atifi ama ano aboa wɔ hɔ.”
14 Bere a nnipa no sɔree sɛ wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim. 15 Na ɛyɛ otwabere mu nti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfo a wɔso Adaka no anan sii nsu no ano pɛ, 16 nsu no ano fitii ase boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na nsu a ɛwɔ anafo no nso sen koguu Nkyene Po no mu kosii sɛ asu no subon no yowee. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beae bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no. 17 Saa bere no mu, asɔfo a wɔso Awurade Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subon no mfimfini maa nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛn wɔ hɔ kosii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan.