22
Apuei Fam Mmusuakuw No San Ba Fie
Afei, Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moayɛ sɛnea Mose, Awurade somfo hyɛɛ mo sɛ monyɛ no na moadi ɔhyɛ asɛm biara a mehyɛ maa mo no so. Ɛwɔ mu sɛ dwumadi no agye bere tenten bi de, nanso moampa mmusuakuw a aka no akyi. Moatɔ mo bo ase adi mmara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛ maa mo no so de abesi nnɛ. Na mprempren Awurade, mo Nyankopɔn ama mmusuakuw a aka no ahomegye sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. Enti monkɔ mo nkyi wɔ asase a Mose, Awurade somfo no de maa mo wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no so. Monhwɛ yiye na munni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn. Monnantew nʼakwan nyinaa so, munni nʼahyɛde so, munni no nokware na momfa mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no.”
Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie. Mose de Basan asase a ɛwɔ Yordan apuei fam no maa Manase abusuakuw fa no. Abusuakuw no fa a aka no nso, wɔde asase no fa a ɛda Yordan atɔe fam no maa wɔn. Yosua regya wɔn kwan no, ohyiraa wɔn, kae se, “Agyapade bebrebe a moanya afi mo atamfo nkyɛn no, mo ne mo abusuafo a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwi dodow ne nguan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafrae, dade ne adurade no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.”
Enti Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no gyaw Israelfo nkae no hɔ wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Wofitii wɔn akwantu ase sɛ wɔresan akɔ wɔn ankasa asase a ɛwɔ Gilead, asase a na ɛyɛ wɔn dea dedaw a Awurade hyɛɛ Mose ma ɔde maa wɔn no so.
10 Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wobetwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka kɛse bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no. 11 Israelfo a wɔaka no tee sɛ wɔasi afɔremuka wɔ Gelilot wɔ Asubɔnten Yordan atɔe fam, wɔ Kanaan asase so no, 12 wɔn nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo, siesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔko atia wɔn nuanom.
13 Nea edi kan no, wotuu nnipa a ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas tua wɔn ano kɔɔ Gilead. Wotwaa asubɔnten no sɛ wɔne Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no rekɔkasa. 14 Nnipa a wotuu wɔn no yɛ mpanyimfo du a obiara gyina hɔ ma Israel mmusuakuw du no mu baako, na ɔsan yɛ ɔkannifo ma Israel mmusua no mu baako.
15 Na woduu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no se, 16 Awurade asafokuw nyinaa pɛ sɛ wohu nea enti a moredi Israel Nyankopɔn no huammɔ. Adɛn nti na mutumi dan mo ho fi Awurade ho, kosi afɔremuka de tia no? 17 Bɔne a yɛyɛɛ wɔ Peor no nnɔɔso mmaa yɛn ana? Ɔyaredɔm a ɛbɛtɔɔ Awurade asafokuw no nyinaa so akyi no mpo, yennwiraa yɛn ho mfii ho. 18 Nanso nnɛ yi, moretwe mo ho afi Awurade ho, sɛ morenni nʼakyi.
“Sɛ mosɔre tia Awurade nnɛ a, ɔkyena ne bo befuw yɛn nyinaa. 19 Sɛ mususuw sɛ efi aka mo asase enti afɔremuka ho hia mo a, ɛno de, mommɛka yɛn ho wɔ asuogya ha wɔ faako a Awurade ne yɛn te wɔ nʼAsɔrefi na yɛne mo bɛkyɛ yɛn asase mu. Na monnsɔre ntia Awurade na mommfa afɔremuka foforo a moasi ama mo ho so ntwe yɛn nkɔ atuatew mu. Awurade, yɛn Nyankopɔn nokware afɔremuka yɛ baako pɛ. 20 Bere a Akan a ofi Serah abusua mu nam korɔn a ɔbɔɔ wɔ nneɛma a wɔayi asi hɔ ama Awurade, nam so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antwe Israel manfo nyinaa aso? Ɛnyɛ ɔno nko ara na esiane bɔne no nti owui.”
21 Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no buaa mpanyimfo no se, 22 Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Awurade nko ara ne Onyankopɔn! Yɛansi afɔremuka no sɛ yɛde retia Awurade. Sɛ saa na yɛayɛ a, nnɛ, momfa yɛn ho nkyɛ yɛn. Nanso Awurade nim na Israel nyinaa nso nhu sɛ, 23 yensii afɔremuka mmaa yɛn ho sɛ yɛrefi Awurade nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre anaa asomdwoe afɔre wɔ so nso. Sɛ eyi nti na yesii afɔremuka no a, Awurade no ankasa ntwe yɛn aso.
24 “Yɛasi saa afɔremuka yi, efisɛ yesuro sɛ daakye bi mo asefo bebisa yɛn asefo sɛ, ‘Tumi bɛn na mowɔ sɛ mobɛsom Awurade, Israel Nyankopɔn? 25  Awurade de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfo ne ne nkurɔfo ntam hye. Munni kyɛfa wɔ Awurade mu!’ Enti mo asefo bɛma yɛn asefo agyae Awurade som.
26 “Ɛno nti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebesi afɔremuka, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so, 27 na mmom sɛ nkaedum. Ɛbɛbɔ yɛn asefo ne mo asefo nkae sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom Awurade wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne asomdwoe afɔre. Na daakye bi no, mo asefo rentumi nka nkyerɛ yɛn asefo no se, ‘Munni kyɛfa wɔ Awurade mu.’
28 “Sɛ wɔka sɛɛ a, yɛn asefo betumi aka se, ‘Monhwɛ Awurade afɔremuka sɛso a yɛn agyanom sii. Wɔansi amma ɔhyew afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae ade a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ Awurade mu.’
29 “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia Awurade, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi ne ho akosi yɛn ankasa afɔremuka ama ɔhyew afɔre, aduan afɔre anaa afɔrebɔ. Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka a esi nʼAhyiae Ntamadan anim no so na wodi saa dwuma no.”
30 Ɔsɔfo Pinehas ne mpanyimfo du no tee nsɛm yi fii Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa hɔ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. 31 Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas buaa wɔn se, “Nnɛ yɛahu sɛ Awurade wɔ yɛn ntam, efisɛ monyɛɛ bɔne ntiaa Awurade sɛnea yesusuwii no, mmom moagye Israel nkwa afi ɔsɛe a anka Awurade de reba wɔn so no ho.”
32 Afei, Pinehas, ɔsɔfo Eleasar babarima ne mpanyimfo du no fii Ruben ne Gad mmusuakuw no nkyɛn wɔ Gilead san kɔɔ Kanaan asase so kɔbɔɔ Israelfo no amanneɛ. 33 Na Israelfo no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, woyii Onyankopɔn ayɛ na wɔanka ɔko a wɔbɛko atia Ruben ne Gad ho asɛm bio.
34 Na Rubenfo ne Gadfo too afɔremuka no din sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ Awurade yɛ yɛn nso Nyankopɔn.