21
Nkurow A Wɔde Maa Lewifo
Afei, Lewifo abusua mu ntuanofo kɔɔ ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw a aka mu ntuanofo no nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so no se, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkurow na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwi.”
 
Na sɛnea Awurade hyɛe no, wɔde nkurow a edidi so yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifo sɛ wɔn agyapade.
 
Aaron asefo a na wɔyɛ Kohat abusuamma, na wɔfra Lewi abusuakuw mu no nyaa nkurow dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuw no dea.
Afi a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurow du fii Efraim ne Dan mmusuakuw no ne Manase abusuakuw fa no nsase mu.
Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuw fa no wɔ Basan.
Merari abusua no nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuw no nkyɛn.
 
Enti Israelfo no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkurow yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifo.
 
Israelfo no de saa nkurow a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuw no dea no 10 maa Aaron asefo a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuw ho no, efisɛ ntonto kronkron a edi kan no bɔɔ wɔn.
11 Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.) 12 Nanso nsase ne nkuraa a atwa kurow no ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. 13 Nkurow a edidi so yi ne wɔn adidibea no wɔde maa ɔsɔfo Aaron asefo: Hebron (guankɔbea kuropɔn ma nea ne nsa apa wɔ obi ho), Libna, 14 Yatir, Estemoa, 15 Holon, Debir, 16 Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurow akron a wonya fii saa mmusuakuw abien yi nkyɛn no.
17 Wofi Benyamin abusuakuw mu de saa nkurow yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfo:
Gibeon, Geba, 18 Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurow anan.
19 Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no.
 
20 Kohat* abusua nkae a wofi Lewi abusuakuw mu no nso, wɔde saa nkurow yi ne adidibea a efi Efraim abusua nkyɛn maa wɔn:
21 Sekem, (guankɔbea kuropɔn), Geser. 22 Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurow anan.
23 Saa nkurow ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfo a wofi Dan abusuakuw mu:
Elteke ne Gibeton, 24 Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow anan.
25 Manase abusuakuw fa no de saa nkurow ne wɔn adidibea maa asɔfo no:
Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow abien.
26 Enti nkurow du ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkae no.
 
27 Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuw no fa bi no nso nyaa nkurow abien ne wɔn adidibea
fii Manase abusua fa no nkyɛn.
Nkurow no ne Golan a ɛwɔ Basan (guankɔbea kuropɔn) ne Beestra.
28 Isakar abusuakuw no nso maa wɔn:
Kision, Daberat, 29 Yarmut ne En-Ganim, nkurow anan a wɔn adidibea ka ho.
30 Aser abusuakuw no maa
Misal, Abdon, 31 Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurow anan a wɔn adidibea ka ho.
32 Naftali abusuakuw no maa wɔn
Kedes a ɛwɔ Galilea (guankɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkurow abiɛsa ne wɔn adidibea.
33 Enti nkurow dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no.
 
34 Lewifo nkae a wɔyɛ Merari abusua no nyaa saa nkurow yi a
efi Sebulon abusuakuw no nkyɛn:
Yokneam, Karta, 35 Dimna ne Nahalal—nkurow anan ne ɛho adidibea.
36 Ruben abusuakuw no nso maa wɔn
Beser, Yahas, 37 Kedemot ne Mefaat—nkurow anan ne wɔn adidibea.
38 Gad abusuakuw no maa wɔn
Ramot a ɛwɔ Gilead (guankɔbea kuropɔn), Mahanaim, 39 Hesbon ne Yaser, nkurow anan ne ho adidibea.
40 Enti nkurow dumien na wɔde maa Merari abusua.
 
41 Nkurow dodow ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifo no nyinaa yɛ aduanan awotwe. 42 Na kurow biara wɔ adidibea da ho.
 
43 Enti Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfo no, na wodii so nkonim, tenaa hɔ. 44 Na Awurade ma wonyaa ɔhome wɔ afanan nyinaa, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfo biara antumi annyina wɔn anim, efisɛ Awurade boaa wɔn ma wodii wɔn atamfo so nkonim. 45 Bɔ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu; emu bi anni huammɔ.
* 21:20 Kohatfo—Na saa nnipa yi nyɛ asɔfo, efisɛ na wɔnyɛ Aaron asefo.