23
Yosua Ne Israel Di Nkra
Mfe bebree twaa mu a Awurade maa Israelfo no ahotɔ a wɔn atamfo no mu biara anhaw wɔn bio. Yosua a afei na wanyin yiye no frɛɛ mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mprempren, mabɔ akwakoraa. Moahu biribiara a Awurade, mo Nyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. Awurade, mo Nyankopɔn ako atia mo atamfo. Mede amanaman no nsase a yennya nnii so ne nea yɛadi so ama mo sɛ mo agyapade, efi Asubɔnten Yordan kosi Po Kɛse a ɛwɔ atɔe fam no. Saa asase yi bɛyɛ mo dea, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn bɛpam nnipa a wɔtete so mprempren no nyinaa. Mubesi wɔn anan mu atena hɔ, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.
“Enti, monyɛ den! Monhwɛ na munni nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfi ho ɔkwan biara so. Monhwɛ yiye sɛ mo ne nnipa foforo a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn. Na munni Awurade, mo Nyankopɔn no nokware sɛnea moayɛ abesi nnɛ yi.
“Efisɛ Awurade apam amanaman akɛse a wɔyɛ den ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim. 10 Mo mu biara betumi atu atamfo apem agu, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn ko ma mo sɛnea wahyɛ bɔ no. 11 Enti monhwɛ yiye na monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn no.
12 “Nanso sɛ motwe mo ho fi ne ho, na mo ne saa amanaman yi nkaefo a wɔwɔ mo mu yi di aware a, 13 ɛno de akyinnye biara nni ho sɛ Awurade, mo Nyankopɔn rempam wɔn mfi mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ mfiri ama mo, mo akyi mmaa, ne mo aniwa mu nsɔe de kosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asase pa yi a Awurade, mo Nyankopɔn de ama mo no so.
14 “Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu! 15 Nanso sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moanyɛ osetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afi saa asase pa a ɔde ama mo yi so. 16 Sɛ mubu Awurade, mo Nyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforo a, nʼabufuw bɛhyew mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afi asase pa a ɔde ama mo no so.”