13
Asase A Aka
Bere a Yosua* bɔɔ akwakoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Worebɔ akwakoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.
 
“Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifo ne Gesur,
 
“nsase a na ɛyɛ Kanaanfo de no so. Saa asase yi fi asu Sihor a ɛda Misraim hye so a ɛsen fa atifi fam kosi Ekron hye so,
a Filistifo nkurɔpɔn anum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifo asase a ɛda anafo fam no nso, wɔnnko nnii so ɛ. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so ɛ;
Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfo de no, de kosi Afek, kodu Amorifo hye so
ne Gebalfo asase
ne Lebanon nyinaa wɔ apuei fam, de fi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔw ase, de kosi Hamat fam.
 
“Mmepɔw asase a efi Lebanon kosi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfo nsase nyinaa ka ho. Metu saa nnipa no nyinaa afi asase no so na mede ama Israelfo. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfo sɛ agyapade sononko sɛnea mahyɛ wo no. Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfo agyapade bere a worekyekyɛ mu ama mmusuakuw akron no ne Manase abusua fa no.”
Wɔkyekyɛ Yordan Apuei Fam Asase Mu
Manase abusua fa, Rubenfo ne Gadfo de, na wɔanya wɔn agyapade wɔ Yordan apuei fam, efisɛ na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no de saa asase no ama wɔn dedaw.
Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so kosi Dibon. 10 Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon kosi Amonfo hye so nkurow nyinaa nso ka ho.
11 Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔw Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kosi Saleka ka ho, 12 na Basanhene Og a odii hene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a otwa to, efisɛ na Mose ne wɔn ako apam wɔn. 13 Nanso Israelfo no antu Gesurfo ne Maakafo enti wɔtenaa Israelfo no mu de besi nnɛ.
Lewi Abusuakuw Agyapade
14 Na Lewi abusuakuw no de, wamma wɔn agyapade biara. Wɔn agyapade fi afɔrebɔde a wɔhyew wɔ afɔremuka so ma Awurade, Israel Nyankopɔn no.
Ruben Abusuakuw Asase
15 Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw mu.
16 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so. 17 Nkurow ne nkuraase a ɛkeka ho ni: Hesbon ne nkurow a ɛdeda sare so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon, 18 Yahas, Kedemot, Mefaat, 19 Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda obon no koko so, 20 Bet-Peor, Pisga nsian mu ne Bet-Yesimot. 21 Nkurow a ɛwɔ tataw so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorihene a na odi ade wɔ Hesbon, nea Mose kum no ne Midian ahemfo a wɔne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako. 22 Israelfo no kum Beor babarima nkonyaayifo bi a na wɔfrɛ no Balaam.
23 Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no hye wɔ atɔe fam. Wɔde nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw no mu sɛ wɔn agyapade.
Gad Abusuakuw No Asase
24 Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu.
25 Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkurow nyinaa, ne Amon asase no fa, kosi Aroer kurow a ɛwɔ Raba atɔe fam pɛɛ. 26 Na efi Hesbon de kosi Ramat-Mispa ne Betonim de fi Mahanaim de kosi Debir. 27 Obon no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkae wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔe fam hɔ hye na ɛtoa so de kosi Galilea po no mu.
28 Nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu sɛ wɔn agyapade.
Asase A Wɔde Maa Manase Abusuakuw Fa No
29 Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ
30 Na wɔn asase no fi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kan tete ahemman nyinaa ne nkurow aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no. 31 Gilead fa ne ɔhene Og ahenkurow, Astarot ne Edrei ka ho.
Wɔde eyinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefo.
 
32 Eyinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛe bere a na ɔwɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apuei fam. 33 Nanso Mose amma Lewi abusuakuw no asase biara, efisɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapade.
* 13:1 Na Yosua adi mfe bɛyɛ aduɔkron kosi ɔha. Na Kaleb adi mfe aduɔwɔtwe anum. Na Gesurfo te Palestina anafo fam a ɛbɛn Misraim mpoano.