14
Yordan Atɔe Fam Asase No Mu Kyekyɛ
Israelfo mmusuakuw nkae no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapade, sɛnea ɔsɔfo Eleasar,* Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw ntuanofo no de maa wɔn no. Saa mmusuakuw akron ne fa yi nam ntontobɔ so na wonyaa wɔn agyapade no sɛnea Awurade faa Mose so hyɛe no. Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no nsase sɛ wɔn agyapade wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam dedaw. Yosef abusuakuw no de, na abɛyɛ mmusuakuw abien a wɔne Manase ne Efraim. Lewifo no de, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkurow a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ so adidi. Enti asase no mu kyekyɛ no, wogyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.
Kaleb Bisa Nʼasase Ase
Wotuu asomafo fi Yuda abusuakuw mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua se, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn nipa, a ɛfa me ne wo ho, bere a na yɛwɔ Kades-Barnea no. Bere a Mose, Awurade somfo no somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfe aduanan. Mesan mʼakyi na mifi koma pa mu bɛkaa nea mihuu nyinaa, nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔe no hunahunaa nnipa no, buu wɔn aba mu sɛ wonntu wɔn nan nsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu de, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Nyankopɔn akyi. Enti saa da no, Mose hyɛɛ me bɔ se, ‘Kanaan asase a wokɔnantew so yi bɛyɛ wo ne wʼasefo agyapade sononko daa nyinaa, efisɛ wufi wo koma nyinaa mu adi Awurade, me Nyankopɔn akyi.’
10 “Afei, sɛnea wuhu yi, Awurade ahwɛ me so yiye mfe aduanan anum fi bere a Mose hyɛɛ saa bɔ yi bere a na Israelfo nenam sare so no. Nnɛ, madi mfe aduɔwɔtwe anum. 11 Me ho yɛ den nnɛ te sɛ da a Mose somaa me no na metumi atu kwan akɔ ɔko ano mprempren te sɛ kan no. 12 Enti merebisa na wode bepɔw asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafo no, yehuu sɛ Anakfo tete nkuropɔn akɛse a wato ɔfasu afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afi asase no so sɛnea Awurade kae no.”
13 Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapade. 14 Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefo de, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade Israel Nyankopɔn akyi. 15 Kan no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfo mu okunini pa ara bi.
Na akokoakoko fii asase no so.
* 14:1 Aaron babarima ne Eleasar.