12
Ahemfo A Wodii Wɔn So Wɔ Yordan Apuei Fam
Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.
 
Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so.
Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.
Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.
 
Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.
Yordan Apuei Fam Ahemfo A Wodii Wɔn So
Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.)
 
Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:
 
Yerikohene baako
Ai a ɛbɛn Bet-El hene baako
10 Yerusalemhene baako
Hebronhene baako
11 Yarmuthene baako
Lakishene baako
12 Eglonhene baako
Geserhene baako
13 Debirhene baako
Gaderhene baako
14 Hormahene baako
Aradhene baako
15 Libnahene baako
Adulamhene baako
16 Makedahene baako
Bet-Elhene baako
17 Tapuahene baako
Heferhene baako
18 Afekhene baako
Lasaronhene baako
19 Madonhene baako
Hasorhene baako
20 Simronhene baako
Aksafhene baako
21 Taanakhene baako
Megidohene baako
22 Kedeshene baako
Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako
23 Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baako
amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako
24 Tirsahene baako
 
Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.