6
Nnome nka mo a mugye mo ho di wɔ Sion,
ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔw so,
mo atitiriw a mowɔ ɔman a edi kan mu,
a Israelfo ba mo nkyɛn!
Monkɔ Kalne nkɔhwɛ hɔ.
Na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse mu,
munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia.
Woye sen mo ahemman abien no?
Wɔn asase no so sen mo de no ana?
Mutu da bɔne hyɛ da
na motwe atemmuda bɛn.
Modeda asonse mpa so
mugye mo ahome wɔ mo nnae mu,
na mowe nguantenmma ne
nantwimma a wɔadodɔ srade nam.
Mode mo sankuten to ahuhunnwom,
na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ
mo nnwontode so te sɛ Dawid.
Monom nsa wɔ nkora mu
na mode sradehuam papa yɛ mo ho,
na munni awerɛhow wɔ Yosef sɛe ho.
Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho;
na mo aponto ne mo ahomegye to betwa.
Awurade Kyi Israel Ahomaso
Otumfo Awurade aka ne ho ntam
na nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni:
“Mikyi Yakob ahomaso
na mempɛ nʼaban;
mede kuropɔn no bɛma
ne nea ɛwɔ mu nyinaa.”
Sɛ wogyaw nnipa du wɔ ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu. 10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhyew awufo no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afi fie hɔ na obisa obi a wakɔtɛw se, “Obi ka wo ho ana?” Na obua se, “Dabi” a, afei ɔbɛka se, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.
11 Na Awurade ahyɛ mmara
na obebubu afi akɛse no mu asinasin
ne afi nketewa no nso mu nketenkete.
 
12 Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so ana?
Na obi de nantwi funtum hɔ ana?
Nanso moadan atɛntrenee ayɛ no awuduru.
Na trenee nso ayɛ nwenweenwen.
13 Mo a mo ani gye Lo-debar nkogu ho,
na mubisa se, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so ana?”
 
14 Nea Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Mɛhwanyan ɔman bi abetia mo, Israelfo,
nea ɔbɛhyɛ mo so afi Lebo Hamat akosi Araba bon mu.”