7
Mmoadabi, Ogya Ne Kirebennyɛ Susudua
Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: na ɔreboaboa mmoadabi bebree ano. Eyi yɛ bere a wɔatwa ɔhene kyɛfa afi mfuw no so na akyiri nnɔbae no renyin no. Bere a mmoadabi no awe asase no so nnɔbae nyinaa no, meteɛɛ mu se “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn! Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
Ɛno nti, Awurade bo dwoe.
Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”
Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: Otumfo Awurade de ogya rebebu atɛn; ɛyow bun kɛse no, na ɛsɛee asase no. Na meteɛɛ mu se, “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, gyae! Yakob rentumi nnyina! Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
Ɛno nti, Awurade bo dwoe na ɔkae se, “Megyae mʼatirimpɔw yi nso.”
 
Eyi ne nea oyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasu a wɔato no kirebenn no ho, a okita kirebennyɛ susudua no. Na Awurade bisaa me se, “Amos, dɛn na wuhu?”
Mibuae se, “Kirebennyɛ susudua.”
Na Awurade kae se, “Mede kirebennyɛ susudua yi reto me nkurɔfo Israelfo ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.
“Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea
na Israel kronkron tenabea nso wobebubu no;
mede mʼafoa bɛsɔre atia Yeroboamfi.”
Amos Ne Amasia
10 Amasia a ɔyɛ Bet-El sɔfo de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam se, “Amos rebɔ pɔw atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nyɛ abodwosɛm. 11 Nea Amos reka ni:
“ ‘Yeroboam bewu wɔ afoa ano,
na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu,
wɔ akyirikyiri asase so.’ ”
12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos se, “Fi ha kɔ, wo ɔdehufo! San kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. 13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, efisɛ ha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
14 Amos buaa Amasia se, “Mennyɛ odiyifo anaa odiyifo bi ba, na na meyɛ oguanhwɛfo a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. 15 Nanso Awurade frɛɛ me fii nguan sohwɛ so, ka kyerɛɛ me se, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfo Israelfo.’ 16 Na afei, tie Awurade asɛm. Woka se,
“ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfo,
na gyae asɛnka a wode tia Isakfifo no.’
17 “Enti asɛm a Awurade ka ni:
“ ‘Wo yere bɛbɔ aguaman wɔ kuropɔn yi mu,
wo mmabarima ne wo mmabea bewuwu wɔ afoa ano.
Wobesusuw wʼasase na wakyekyɛ mu,
na wʼankasa nso, wubewu wɔ abosonsomman mu,
na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu,
wɔ akyirikyiri asase so.’ ”