5
Adwotwa Ne Adwensakra Ho Frɛ
Tie asɛm yi, mo Israelfo, saa adwotwa yi fa mo ho:
“Ɔbabun Israel ahwe ase
a ɔrensɔre bio,
wɔapo no wɔ nʼankasa asase so,
na onni obi a ɔbɛma no so.”
Nea Otumfo Awurade se ni:
“Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfo apem ko ma Israel no,
mu ɔha pɛ na wɔbɛka;
Kurow a ɔde ahoɔdenfo ɔha no,
mu du pɛ na wɔbɛka.”
Nea Awurade ka kyerɛ Israelfo ni:
“Monhwehwɛ me na munnya nkwa;
Monnhwehwɛ Bet-El,
monnkɔ Gilgal,
na munntu kwan nkɔ Beer-Seba nso.
Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommum mu
na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”
Monhwehwɛ Awurade na munnya nkwa,
anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef fi te sɛ ogya;
ɛbɛhyew,
na Bet-El rennya obi anum no.
 
Mo a moma atemmu yɛ nwen
na mototo trenee ase.
 
Nea ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbeatan ne ne mma,
nea ɔdan sum yɛ no adekyee
na ɔma awia dan adesae.
Nea ɔboaboa po mu nsu ano
na ohwie gu asase so,
ne din ne Awurade.
Ɔsɛe abandennen ntɛm so
na obubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,
10 motan nea ɔteɛteɛ wɔ asennii
na mubu nea ɔka nokware animtiaa.
 
11 Mutiatia ohiani so
na mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn.
Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de,
nanso morentena mu;
ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ de
nanso morennom mu nsa.
12 Na minim mo mmarato dodow
ne mo bɔne akɛse no.
 
Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmude
mubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii.
13 Ɛno nti, onyansafo yɛ komm saa mmere yi mu,
efisɛ ɛyɛ mmere bɔne.
 
14 Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa
na ɛnyɛ bɔne.
Na Asafo Awurade Nyankopɔn bɛka wo ho,
sɛnea moka sɛ ɔyɛ no.
15 Munkyi bɔne, na monnɔ papa;
Mummu atɛntrenee wɔ asennii.
Ebia, Asafo Awurade Nyankopɔn
benya ahummɔbɔ ama
Yosef nkae no.
16 Enti nea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni:
“Adwotwa bɛba mmorɔn nyinaa so
na ɔyaw ne apinisi bɛba mmɔnten so.
Wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu
na agyamfo abetwa adwo.
17 Wobetwa adwo wɔ bobeturo nyinaa mu,
efisɛ mɛnantew mo mu,”
sɛnea Awurade se ni.
Awurade Da No
18 Nnome nka wɔn a
wɔpɛ sɛ Awurade da no ba!
Dɛn nti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?
Saa da no bɛyɛ sum, na ɛnyɛ hann.
19 Ɛbɛyɛ te sɛ onipa a oguan fi gyata anim
na okohyia sisi,
sɛnea owura ne fi
de ne nsa to ɔfasu so,
na ɔwɔ ka no.
20 Na Awurade da no bɛyɛ sum; ɛrenyɛ hann,
ɛbɛyɛ sum kabii a hann nsinsan biara nni mu.
 
21 “Mikyi na mepo mo nyamesom mu aponto;
mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.
22 Ɛwɔ mu sɛ mode ɔhyew afɔre ne aduan afɔre brɛ me de,
nanso merennye.
Mode asomdwoe afɔre brɛ me
nanso mʼani rensɔ.
23 Momfa mo nnwonto gyegyeegye no mfi me so!
Merentie mo asankuten so nnwom.
24 Mmom, momma atɛntrenee nteɛ sɛ asubɔnten,
na trenee nyɛ sɛ asuten a ɛrenyow da!
 
25 “Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me
mfe aduanan wɔ sare so ana?
26 Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame,
ne mo honi Rɛfan so;
wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
27 Ɛno nti, metwa mo asu akɔ Damasko nohɔ,”
sɛnea Awurade a ne din ne Asafo Onyankopɔn se ni.