9
Saulo Adwensakra
Saa bere no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifo no ase. Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanyin no nkyɛn kogyee adansedi krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere Yesu akyidifo, mmea ne mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem. Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ na hann bi fi ɔsoro twa faa ne ho ma otwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi se, “Saulo! Adɛn nti na wotaa me?”
Saulo bisae se, “Ɛyɛ wo hena, Owura?”
Nne no buae se, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.” Nne no kae se, “Sɔre na kɔ kurow no mu na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.”
Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinae a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhu obiara. Afei Saulo sɔre fii fam hɔ buee nʼani, nanso na onhu ade. Enti wokurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. Nnansa a odii wɔ Damasko no na onhu hwee. Na onnidi na ɔnnom nso.
10 Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehu mu se, “Anania!”
Ogyee so se, “Awurade!”
11 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔ Yuda fi a ɛwɔ Ɔtempɔn Tee no so na kobisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no ase; ɔrebɔ mpae. 12  Anisoadehu mu na ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too no so sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛsan ahu ade.”
13 Anania buae se, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne haw a ɔhaw wʼakyidifo wɔ Yerusalem no. 14 Wakɔ asɔfo mpanyin nkyɛn akogye adansedi krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”
15 Awurade ka kyerɛɛ Anania se, “Kɔ! Efisɛ ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufo ne ahemfo ne Israelfo nyinaa ate me din. 16  Na mɛkyerɛ no amane a esiane me din nti obehu.”
17 Afei Anania kɔɔ fie hɔ de ne nsa guu Saulo so kae se, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo wɔ ɔkwan so bere a woreba no asoma me se, mimmebue wʼani mma wunhu ade na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” 18 Amono mu hɔ ara na biribi a ɛte sɛ abon fii nʼani so na ohuu ade. Ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu. 19 Onyaa aduan bi di mee no, ne ho san no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafo a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.
Saulo Ka Asɛmpa No Wɔ Damasko
20 Ofii ase kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu se, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. 21 Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisae se, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na okum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no ana? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfo mpanyin.” 22 Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no dii. Yudafo a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkae no ho hwee.
23 Nna bi akyi no, Yudafo no bɔɔ Saulo ho pɔw sɛ wobekum no, 24 nanso Saulo tee pɔw a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛw no wɔ kurow no apon ano awia ne anadwo apɛ no akum no. 25 Anadwo bi Saulo akyidifo de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasu so gyaa no sii fam.
Saulo Kɔ Yerusalem
26 Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho nanso wosuroo no, efisɛ na wonnye nni sɛ wasakra abɛyɛ osuani. 27 Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafo no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛnea Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko kwan so no ne sɛnea ɔde akokoduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no. 28 Saulo ne wɔn tenae na ɔde akokoduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa. 29 Saulo ne Helenifo nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no. 30 Bere a agyidifo no tee pɔw a Helenifo no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.
31 Afei asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timii. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.
Petro Sa Nyarewa
32 Petro tutuu akwan kɔɔ mmeaemmeae. Da bi a ɔkɔsraa agyidifo a wɔwɔ Lida no, 33 ohyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfe awotwe wɔ hɔ. 34 Petro ka kyerɛɛ no se, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yare. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amono mu hɔ ara na Enea sɔree. 35 Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa huu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.
36 Na ɔbea ogyidini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka a ase ne ɔwansan. Saa ɔbea yi de nʼadagyew nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafo. 37 Saa bere koro no ara mu na ɔyare bɔɔ no ma owui. Woguaree no* de no kɔtoo abansoro dan bi mu. 38 Esiane sɛ Lida bɛn Yopa nti, asuafo a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔe. Oduu hɔ no wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa begyinagyinaa Petro ho sui, de ntade ne ntama a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.
40 Petro maa wɔn nyinaa fii adi. Afei obuu nkotodwe, bɔɔ mpae dan nʼani kyerɛɛ amu no kae se, “Tabita, sɔre!” Tabita tew nʼani na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41 Petro soo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei Petro frɛɛ agyidifo no ne akunafo no nyinaa de no maa wɔn. 42 Saa asɛm yi trɛw wɔ Yopa nyinaa ma nnipa pii gyee Awurade dii. 43 Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru no nkyɛn wɔ Yopa kyɛɛ kakra.
* 9:37 Amanne bi a na Yudafo ne Helafo nyinaa di so ne sɛ woguare funu ansa na wosie no. 9:37 Sɛ wɔantumi ansie owufo ntɛm a, amanne ne sɛ wɔdeda no wɔ abansoro no so. Yerusalem de, da a obi bewu no ara na wosie no. Sɛ ɛnyɛ Yerusalem a, wotumi sie owufo no ne nnansa so.