10
Petro Ne Kornelio
Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafo bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panyin. Na ɔne ne fifo nyinaa yɛ Nyamesurofo. Ɔyɛ obi a na ɔboa ahiafo na daa ɔbɔ mpae nso. Da bi awia bɛyɛ nnɔnabiɛsa na ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu se waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!”
Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Ɛyɛ dɛn Awurade?”
Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.”
Ɔbɔfo no kasa kyerɛɛ no wiee a ɔkɔe no, Kornelio frɛɛ nʼasomfo baanu, san frɛɛ nʼasraafo no mu baako a ɔyɛ Onyamesuroni kaa wɔn ho, kaa biribiara a wahu no kyerɛɛ wɔn somaa wɔn Yopa.
Ade kyee a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinae a wɔrebɛn kurow no na Petro kɔɔ ɔdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpae. 10 Saa bere no, na ɔkɔm de no a wogu so reyɛ aduan ama no na ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu. 11 Ohuu sɛ ɔsoro abue na biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere fi ɔsoro afanan resian ba fam. 12 Na ntɔteboa ahorow ne mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa ahyɛ saa ntama no ma. 13 Afei nne bi ka kyerɛɛ no se, “Petro, sɔre na kum bi we!”
14 Petro buae se, “Dabi da, Awurade, minnii biribiara a ɛho ntew da.”
15 Nne no ka kyerɛɛ no bio se, “Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.”
16 Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa. Afei ntama no san kɔɔ ɔsoro.
17 Saa bere a na Petro redwinnwen anisoadehu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no koduu Petro abobow ano. 18 Wɔfrɛ bisae se, “Saa ofi yi mu na Simon Petro te no ana?”
19 Petro gu so redwinnwen anisoadehu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no se, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20 Sian si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, efisɛ me na masoma wɔn.”
21 Petro sian kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amanneɛ?”
22 Nnipa no buaa no se, “Yefi asraafo panyin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni ne Onyamesuroni a Yudafo nyinaa bu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no se ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fi na ontie asɛm bi mfi wo nkyɛn.” 23 Petro gyee nnipa no, som wɔn hɔho.
Petro Kɔ Kornelio Fi
Ade kyee no, Petro ne nnipa no ne agyidifo bi a wofi Yopa bɔɔ anan kɔe. 24 Ade kyee a oduu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafo ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. 25 Petro reyɛ awura fie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. 26 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɔre, efisɛ me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”
27 Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wowuraa ofi no mu kɔtoo nnipa bebree. 28 Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara munim pefee sɛ Yudafo mmara mma Yudani kwan sɛ ɔkɔsra amanamanmuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho ntew. 29 Eyi nti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei kyerɛ me nea enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”
30 Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnaanan awia nnɔnabiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina mʼanim.* 31 Ɔkae se, ‘Kornelio, wo mpaebɔ ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. 32 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.’ 33 Mesoma ma wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ ade sɛ woaba. Mprempren, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebetie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”
Petro Asɛnka
34 Petro fii ase kasae se, “Afei mahu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35 na mmom ɔman biara mu, nea ɔyɛ ade trenee no ogye no. 36 Munim asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfo no. 37 Munim nsɛm a esisii wɔ Yudea, a efii ase wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. 38 Munim sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no nti ɔkɔɔ mmeaemmeae, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yare.
39 “Yɛyɛ dwuma a odii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho nnansefo. Wɔbɔɔ no asennua mu kum no. 40 Nanso ne nnansa so no, Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu ma okoyii ne ho adi. 41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ nnansefo a Onyankopɔn ayi yɛn dedaw no. Ɔsɔre fii awufo mu no, yɛne no didi nomee. 42 Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yenni ne ho adanse sɛ, ɔno ne nea Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn no. 43 Adiyifo nyinaa kaa ne ho asɛm se, wɔnam ne din so de obiara a ogye no di no bɔne bɛkyɛ no.”
Amanamanmufo Nya Honhom Kronkron
44 Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. 45 Yudafo agyidifo a wɔne Petro fi Yopa bae no ho dwiriw wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufo no nso so. 46 Efisɛ wɔtee sɛ wɔreka kasa foforo reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho.
Petro kae se, 47 “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan ana?” 48 Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu. Afei wɔsrɛɛ no sɛ onni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.
* 10:30 Kasa a wɔtaa ka de kyerɛ ɔsoro bɔfo a ɔba sɛ onipa (Mat 28.3; Mar 16.5; Yoh 20.12).